Publicidade

Isaías 4

1 Saa ɛda no, mmaa baason

bɛsɔ ɔbarima baako mu aka ,

"Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhoma

na yɛn ankasa apɛ yɛn aduradeɛ;

ma wo din nna yɛn so kɛkɛ.

Yi ahohora firi yɛn so!"

Awurade Baa No

2 Saa ɛda no Awurade Baa no bɛyɛ na anya animuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne animuonyam ama Israel nkaeɛfoɔ no. 3 Wɔn a wɔaka Sion a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔatwerɛ wɔn din aka ateasefoɔ ho Yerusalem nyinaa. 4 Awurade bɛhohoro Sion mmaa ho fi; ɔde atemmuo honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekaawa a ɛwɔ Yerusalem. 5 Afei, Bepɔ Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano nyinaa, Awurade de wisie omununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya dɛreɛ akata wɔn so anadwo; ntoma kyiniiɛ bɛkata animuonyam yi nyinaa so. 6 Ɛbɛyɛ hintabea ne enwunu owibɔ ano den mu, na osutɔ ne ahum mu nso ɛbɛyɛ dwanekɔbea ne atɛeɛ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-