Publicidade

Salmos 93

1 Awurade di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no;

wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ Awurade

na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ.

Wɔde ewiase atim pintinn;

na wɔrentumi ntutu.

2 Wʼahennwa tim firi tete;

na wowɔ firi mmerɛsanten.

3 Ao Awurade, ɛpo ama wɔn ho so,

ɛpo ama wɔn nne so;

ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so.

4 Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa,

deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ.

Awurade a ɔte ɔsoro no kɛseɛ.

5 Ao Awurade, wo nhyehyɛeɛ gyina pintinn;

kronkronyɛ hyɛ wo fie animuonyam

daa nyinaa.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-