Publicidade

Jó 26

Hiob Kyerɛ Onyankopɔn Kɛseyɛ

1 Na Hiob kasaa bio ,

2 "Woaboa deɛ ɔnni tumi!

Woagye basa a ɛnni ahoɔden!

3 Woatu deɛ ɔnnim nyansa fo!

Na woada nhunumu pa ara adi!

4 Hwan na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi?

Hwan honhom na ɛkasa faa wo mu?

5 "Awufoɔ ahoyera kɛseɛ mu,

wɔn a wɔwɔ nsuo ase ne deɛ ɛte mu nyinaa.

6 Asamando da adagya Onyankopɔn anim;

Ɔsɛeɛ nso nni nkatasoɔ.

7 Ɔtrɛ atifi fam ewiem deɛ ɛda mpan so;

na ɔde asase sensɛn ohunu so.

8 Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu,

nanso nsuo no mu duru ntumi mpae no.

9 Ɔtrɛ ne omununkum mu

de kata ɔsrane ani.

10 Ɔhyɛ agyiraeɛ nsuo so

de to hyeɛ hann ne esum ntam.

11 Ɔsoro nnyinasoɔ woso,

na nʼanimka ma wɔn ho dwiri wɔn.

12 Ɔde ne tumi wɔsoo ɛpo

ne nyansa mu, ɔtwitwaa ɛpobɔpɔn mu asinasini.

13 Ɔde nʼahomeɛ maa ewiem teeɛ;

na ne nsa wɔɔ ɔtweaseɛ a ɔrewea.

14 Yeinom ne nnwuma mfeafeaho;

ɔka asomusɛm brɛoo kyerɛ yɛn!

Na hwan na ɔbɛtumi ate ne tumi mmobɔmu no ase."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-