Publicidade

1 Reis 17

Anene Ma Elia Aduane

1 Afei, Elia a ɔfiri Tisbi a ɛwɔ Gilead no ka kyerɛɛ ɔhene Ahab , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade, Onyankopɔn a mesɔre no som no, Israel Onyankopɔn te ase yi, ɛbɔ rensi, na osuo nso rentɔ mfeɛ kakra bi mu, gye ɛnam mʼasɛm so."

2 Na Awurade ka kyerɛɛ Elia , 3 "asuo Kerit a ɛwɔ apueeɛ fam no a ɛbɔ Asubɔnten Yordan mu no, na kɔhinta . 4 Nom asuo no mu nsuo, na di deɛ anene no de bɛbrɛ wo, ɛfiri , mahyɛ wɔmmrɛ wo aduane."

5 Enti, Elia yɛɛ sɛdeɛ Awurade aka akyerɛ no no. Ɔbɔɔ atenaeɛ asuo Kerit ho. 6 Anene no brɛɛ no burodo ne ɛnam anɔpa ne anwummerɛ biara, na ɔnom nsuo firii asuo no mu. 7 Na akyire yi, asuo no weeɛ, ɛfiri , na osuo ntɔ asase no so baabiara.

Elia Ne Sarefat Ɔbaa Kunafoɔ No

8 Na Awurade ka kyerɛɛ Elia , 9 "na kɔtena akuraa Sarefat a ɛbɛn Sidon kuro no mu. Okunafoɔ bi a ɔbɛma wo aduane adi. Makyerɛ no deɛ ɔnyɛ."

10 Na Elia kɔɔ Sarefat. Ɔduruu kuro no abɔntenpono no ano no, ɔhunuu okunafoɔ bi a ɔrehwehwɛ mmabaa. Ɔbisaa no , "Mesrɛ wo, wobɛtumi ama me nsuo kuruwama bi?" 11 Ɔrekɔsa nsuo no aba no, ɔsrɛɛ no , "Ɛyɛ a fa burodo sini bi nso ka ho."

12 Okunafoɔ no kaa , "Meka Awurade, wo Onyankopɔn no ntam , menni burodo sini koraa fie. Na deɛ mewɔ efie asikyiresiam kakra ne ngo toa ase kakraa bi. Mekɔpɛɛ mmabaa kakra a mede bɛnoa aduane a ɛtwa toɔ, na me ne me babarima adi, na afei yɛawuwu."

13 Nanso, Elia ka kyerɛɛ no , "Nsuro! na kɔnoa aduane a ɛtwa toɔ no. Nanso, ɛyɛ a, to burodo ketewa bi di ɛkan ma me ansa. Na ɛno akyi no, aduane bebree bɛka ama wo ne wo ba no. 14 Na deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn ka ne , Daa asikyiresiam ne ngo pii bɛka wo adekoradeɛ no mu kɔsi ɛberɛ a Awurade bɛma osuo atɔ, ama nnɔbaeɛ anyini bio.’ "

15 Na ɔyɛɛ sɛdeɛ Elia kaeɛ no. Enti ɔno, Elia ne ne ba no kɔɔ so dii asikyiresiam ne ngo a na ɔwɔ no ara nna bebree. 16 Ɛberɛ biara na wɔwɔ asikyiresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔn adekoradeɛ mu sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛɛ ho no.

17 Akyire yi, ɔbaa no babarima no yareeɛ. Yadeɛ no kɔɔ so ara kɔsii abɔfra no wuiɛ. 18 Ɔbaa no bisaa Elia , "Ao, Onyankopɔn onipa, ɛdeɛn na woayɛ me yi? Wobaa ha worebɛtwe mʼaso me bɔne a mayɛ ho enti na woakum me ba yi?"

19 Nanso, Elia ka kyerɛɛ no , "Fa wo ba no ma me." Na ɔgyee abarimaa no firii ne nsam. Ɔde no kɔɔ ɛsoro dan17.19 Abansoro dan no yɛ ahɔhodan na wɔkora aduane wɔ hɔ. bi a wɔsoɛɛ no mu no mu. Ɔde owufoɔ no too ne mpa so. 20 Elia su guu Awurade so , "Ao, Awurade, adɛn enti na wode saa awerɛhoɔ yi abɛto okunafoɔ yi a ɔde ne fie asom me hɔhoɔ yi so, na wama ne ba awuo yi?" 21 Ɔbutuu abɔfra no so mprɛnsa, su guu Awurade so , "Ao Awurade, me Onyankopɔn, mesrɛ, ma abɔfra yi nnya nkwa bio."

22 Awurade tiee Elia mpaeɛbɔ, na abɔfra no nyaa nkwa bio. 23 Enti, Elia de no firi soro brɛɛ ne maame, ka kyerɛɛ no , "Hwɛ, wo ba no anyane."

24 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia , "Afei, mahunu pefee woyɛ Onyankopɔn onipa, na Awurade kasa fa wo so ampa."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-