Ensinar
Ensinar é mandamento e dom. A Bíblia exorta pais, líderes e mestres a transmitir a verdade divina com fidelidade, paciência e sabedoria para as próximas gerações.
Ensinar a Palavra
Toda Escritura é útil para ensinar. Quem ouve as palavras de Jesus e as pratica é como o homem sábio que construiu sobre a rocha.
Atwerɛsɛm nyinaa firi Onyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn onipa bɛyɛ deɛ wɔasiesie no yie ama nnwuma pa nyinaa.
"Wɔn a wɔtie deɛ meka, na wɔdi so no te sɛ onyansafoɔ a ɔsi ne dan si ɔbotan so.
Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo akoma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asankuo so nnwom ne ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom. Momfiri mo akoma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn.
Biribiara a wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu no, wɔatwerɛ de kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Atwerɛsɛm no de ma yɛn no so bɛnya anidasoɔ.
Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmɛbusɛm nie:
Ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛsoɔ;
ne sɛ ɛbɛboa ma wɔate nsɛm a emu dɔ ase;
sɛ wɔbɛnya ahohyɛsoɔ na wɔabɔ ɔbra pa,
a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, deɛ ɛtene na ɛho nni asɛm;
sɛ ɛbɛma deɛ nʼadwene mu nnɔ anya nyansa
na mmabunu anya nimdeɛ ne adwene.
Anyansafoɔ ntie na wɔmfa nka deɛ wɔnim ho,
na deɛ ɔwɔ nhunumu nya akwankyerɛ a
ɛbɛma woate mmɛ ne akasabɛbuo,
anyansafoɔ nsɛnka ne aborɔme ase.
Awurade suro yɛ nimdeɛ ahyɛaseɛ,
na nkwaseafoɔ bu nyansa ne ahohyɛsoɔ animtiaa.
Instruir as gerações
Ensina a criança nos caminhos de Deus. A geração que não conhece o Senhor perde a herança espiritual da fé.
Dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma mu nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu. Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn.
Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ
na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ.
Ɛbɛyɛ wo tiri animuonyam abotire
ne wo kɔn mu ntweaban.
Me ba, tie wʼagya ahyɛdeɛ
na nnyaa wo maame nkyerɛkyerɛ mu.
Fa kyekyere wʼakoma ho daa;
na fa kyekyere wɔ kɔn mu.
Wonante a, ɛbɛkyerɛ wo ɛkwan;
sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo;
sɛ wonyane a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.
Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea;
saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann,
na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yi
yɛ nkwa kwan,
Nya nyansa, nya nteaseɛ;
mma wo werɛ mfiri me nsɛm anaa ntwe wo ho mfiri ho.
Nnya nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban;
dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.
Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa.
Ɛwom sɛ ne boɔ te sɛ wʼahodeɛ nyinaa deɛ nanso nya nteaseɛ.
Di no nni na ɛbɛpagya wo;
yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo animuonyam.
Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu
bɔ ho ban yie, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo nkwa.
Ntu wo nan nsi amumuyɛfoɔ kwan so
na nnante abɔnefoɔ kwan so.
Ne nyinaa akyi, bɔ wʼakoma ho ban,
ɛfiri sɛ, ɛno ne wo nkwa asutire.
Mma akontonkyesɛm mfiri wʼano;
mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.
Hwɛ wʼanim tee,
na ma wʼani nkɔ deɛ ɛwɔ wʼanim no so.
Bɔ ɛkwan tamaa ma wo nan
na fa akwan a atim so.
Mmane mfa nifa anaa benkum;
twe wo nan firi bɔne ho.
Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asutire,
ɛyi onipa firi owuo afidie mu.
Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛ
Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ.
Ao me nkurɔfoɔ, montie me nkyerɛkyerɛ;
monyɛ aso mma mʼanomu nsɛm.
Mɛkasa wɔ abɛbuo mu,
mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,
nneɛma a yɛate na yɛahunu;
nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.
Yɛremfa nkame wɔn mma;
yɛbɛka akyerɛ nkyirimma;
Awurade nneyɛɛ a ɛfata nkamfo no,
ne tumi ne anwanwadeɛ a wayɛ no.
Saa awoɔ ntoatoasoɔ no akyi no, awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ nyiniiɛ a na wɔnnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama Israel.
Fidelidade no ensino
Quem ensina com fidelidade merece dupla honra. Cuidado com doutrinas falsas — permaneçam na doutrina de Cristo.
Mpanimfoɔ a wɔhwɛ asafo no so yie no, ɛsɛ sɛ wɔdwene wɔn ho na wɔde anidie mmɔho ma wɔn; ne titire no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsane kyerɛkyerɛ nso. Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, "Nkyekyere nantwie a ɔsi aburoo no ano!" Bio, "Odwumayɛfoɔ akatua fata no!"
Twe wo ho firi nsɛnhuhuo a ɛho nte ho ɛfiri sɛ, ɛno na ɛpam nnipa firi Onyankopɔn ho. Deɛ wɔkyerɛ no te sɛ akusikuro a ɛdidi fa honam no ani. Saa akyerɛkyerɛfoɔ yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto.
Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no wɔ Agya no ne Ɔba no.
Afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ. Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔbisaa sɛ, "Onipa yi nsuaa nwoma da, na ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?"
Yesu buaa wɔn sɛ, "Deɛ merekyerɛ no mfiri mʼankasa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔsomaa me no. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ me nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn nkyɛn anaa ɛfiri mʼankasa. Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ animuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ animuonyam ma deɛ ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafoɔ a nnaadaa biara nni ne mu.