Publicidade

Deuteronômio 6

Awurade Wo Onyankopɔn

1 Yeinom ne ahyɛdeɛ, mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ me menkyerɛ mo na monni so asase a moretwa Yordan akɔtena so no, 2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo, mo mma ne wɔn mma bɛsuro Awurade mo Onyankopɔn mmerɛ dodoɔ a mote ase. modi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ nyinaa so a, mo nkwa nna bɛware. 3 Montie, Ao Israel, na monhwɛ yie nni so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛsi mo yie na mo ase atrɛ yie asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo ho no.

4 Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Onyankopɔn Awurade koro. 5 Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma mu nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. 6 Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu. 7 Momfa nhyɛ mo mma mu. mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, moda anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn. 8 Monkyekyere no agyinahyɛdeɛ mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotire. 9 Montwerɛ ngu mo fie aponnwa ne mo aboboanopono ho.

10 Ɛrenkyɛre biara, Awurade mo Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɔkaa ntam ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. Ɛyɛ asase a animuonyam nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ ahyɛ so ma. 11 Wɔde nneɛma pa a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ bɛhyɛ no ma. Mobɛto nsuo afiri abura a ɛnyɛ mo na motuiɛ mu, na mobɛdidi afiri turo a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ mu ne ngo nnua a ɛnyɛ mo na moduaeɛ. modidi mee saa asase yi so wie a, 12 monhwɛ yie na mo werɛ amfiri Awurade a ɔgyee mo firii nkoasom mu Misraim asase so no.

13 Ɛsɛ mosuro Awurade, mo Onyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam. 14 Monnni anyame foforɔ akyianyame a wɔyɛ nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no dea; 15 na Awurade mo Onyankopɔn a ɔwɔ mo ntam no Onyankopɔn ninkunfoɔ a nʼabufuhyeɛ no bɛhye mo na ɔbɛsɛe mo afiri asase so. 16 Monnsɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nhwɛ sɛdeɛ moyɛeɛ ɛberɛ a na mowɔ Masa no. 17 Ɛsɛ modi Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so pɛpɛɛpɛmonni mmara no mu nsɛm nyinaa so sɛdeɛ ɔde ama mo no. 18 Monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ Awurade ani so na biribiara awie mo yie. Na moakɔ akɔtena asase pa a Awurade hyɛɛ ho kyerɛɛ mo agyanom no. 19 Mobɛpam atamfoɔ a wɔte mo asase no so nyinaa sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ mo ɔbɛyɛ no.

20 Daakye bi, mo mma bɛbisa mo , "Saa mmara ne nʼahyɛdeɛ a Awurade, yɛn Onyankopɔn de ama yɛn yi aseɛ ne sɛn?" 21 Monka nkyerɛ wɔn "Na yɛyɛ Farao nkoa Misraim, nanso Awurade nam anwanwatumi so yii yɛn firii Misraim. 22 Yɛhunuu Awurade nsɛnkyerɛnneɛ nnwuma a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfoɔ nyinaa. 23 Ɔyii yɛn firii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho no ama yɛn. 24 Na Awurade yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn yɛnni mmara no nyinaa so na yɛmfa obuo ne anidie mma no sɛdeɛ ɛbɛma daakye asi yɛn yie sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. 25 Ɛfiri , yɛdi mmara no nyinaa a Awurade, yɛn Onyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛma yɛayɛ ateneneefoɔ."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-