Publicidade

Salmos 78

Asaf dwom.

1 Ao me nkurɔfoɔ, montie me nkyerɛkyerɛ;

monyɛ aso mma mʼanomu nsɛm.

2 Mɛkasa abɛbuo mu,

mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,

3 nneɛma a yɛate na yɛahunu;

nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.

4 Yɛremfa nkame wɔn mma;

yɛbɛka akyerɛ nkyirimma;

Awurade nneyɛɛ a ɛfata nkamfo no,

ne tumi ne anwanwadeɛ a wayɛ no.

5 Ɔyɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakob

na ɔyɛɛ mmara Israel,

deɛ ɔhyɛɛ yɛn nananom

wɔnkyerɛ wɔn mma,

6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛsua

mpo mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn,

na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.

7 Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so,

na wɔn werɛ remfiri ne nneyɛɛ,

na wɔbɛdi nʼahyɛdeɛ so.

8 Wɔrenyɛ wɔn nananom,

a na wɔyɛ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ,

wɔn a wɔn akoma mu wɔnni Onyankopɔn nokorɛ

na woyɛ honhom mu atorofoɔ ma noɔ no.

9 Ɛwom na Efraim mmarima kurakura agyan,

nanso ɔko da no, wɔdwaneeɛ;

10 Wɔanni Onyankopɔn apam no so

wɔampɛ wɔdi ne mmara no so.

11 Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ,

anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no.

12 Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔn nananom anim

Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so.

13 Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu.

Ɔmaa nsuo no gyinaa afasuo.

14 Ɔde omununkum dii wɔn anim awia

na ɔde ogyadum dii wɔn anim anadwo nyinaa.

15 Ɔpaee ɔbotan mu ɛserɛ so,

na ɔmaa wɔn nsuo a ɛdɔɔso ɛpo;

16 Ɔmaa asutire firii abotan mu

na ɔmaa nsuo tenee nsubɔntene.

17 Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no,

wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no ɛserɛ no so.

18 Wɔboapa sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ;

wɔbisaa aduane a wɔpɛ.

19 Wɔkasa tiaa Onyankopɔn ,

"Onyankopɔn bɛtumi ato ɛpono ɛserɛ so anaa?

20 Ɔde adeɛ bɔɔ ɔbotan mu no, nsuo to firi mu baeɛ,

na nsuwa bebree tenee .

Na ɔbɛtumi ama yɛn aduane nso?

Ɔbɛtumi ama ne nkurɔfoɔ ɛnam anaa?"

21 Ɛberɛ a Awurade tee deɛ wɔreka no, ne bo fuu yie;

ne ogya bɛguu Yakob so,

na nʼabufuhyeɛ sɔre tiaa Israel,

22 ɛfiri , na wɔnni Onyankopɔn mu gyidie

anaasɛ ne nkwagyeɛ mu ahotosoɔ.

23 Nanso, ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro ɔhyɛ so;

na ɔbuee ɔsorosoro apono.

24 Ɔtɔɔ mana firi soro maa nnipa no wonni,

ɔmaa wɔn ɔsoro aduane.

25 Nnipa dii abɔfoɔ aduane;

ɔmaa wɔn aduane a wɔbɛtumi adi nyinaa.

26 Ɔmaa apueeɛ mframa firii sorosoro,

na ɔde ne tumi bɔɔ atɔeɛ mframa.

27 Ɔtoo ɛnam mfuturo guu wɔn so,

nnomaa a wɔtu bebree mpoano anwea.

28 Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenaeɛ,

ne wɔn ntomadan ho nyinaa.

29 Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn so

ɛfiri ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ.

30 Nanso ansa na wɔbɛfiri aduane a wɔhwehwɛeɛ no ho,

ɛberɛ a ɛhyehyɛ wɔn anomu mpo no,

31 Onyankopɔn abufuo sɔree wɔn so;

ɔkum ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ wɔn mu

twitwaa Israel mmeranteɛ guiɛ.

32 Yeinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne;

nʼanwanwadeɛ akyi no, wɔannye anni.

33 Enti, ɔtwaa wɔn nna so te ahuro

yɛɛ wɔn mfeɛ awieeɛ huhuuhu.

34 Ɛberɛ biara a Onyankopɔn bɛkum wɔn no, wɔhwehwɛɛ no,

na wɔpere wɔn ho sane baa ne nkyɛn.

35 Wɔkaee Onyankopɔn wɔn botan,

Ɔsorosoro Onyankopɔn no wɔn Gyefoɔ.

36 Nanso, wɔde wɔn ano bɛdaadaa no,

na wɔde wɔn tɛkrɛma twaa atorɔ kyerɛɛ no;

37 wɔn akoma anni no nokorɛ,

na wɔanni nʼapam no so.

38 Nanso na ɔyɛ ahummɔborɔ;

ɔde wɔn amumuyɛ kyɛɛ wɔn

a wansɛe wɔn.

Mpɛn bebree ɔtwentwɛnee nʼabufuo so

na wanhwie nʼabufuhyeɛ nyinaa.

39 Ɔkaee wɔyɛ ɔhonam ara kwa,

mframa bi a ɛbɔ twam na ɛnsane nʼakyi.

40 Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no ɛserɛ no so ,

na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anho asase wesee no so?

41 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ ɛberɛ biara;

na wɔyii Israel Ɔkronkronni no abufuo.

42 Wɔn werɛ firii ne tumi no,

ɛda a ɔgyee wɔn firii wɔn nhyɛsofoɔ nsam no,

43 ɛda a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ Misraim no

ne nʼanwanwadeɛ Soan mantam mu no.

44 Ɔmaa wɔn nsubɔntene danee mogya;

wɔantumi annom wɔn asutene mu nsuo.

45 Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaa wɔn

na mponkyerɛne nso bɛsɛee wɔn asase.

46 Ɔmaa mmɛbɛ bɛdii wɔn mfuo so aduane

na ɔde wɔn mfudeɛ nso maa ntutummɛ.

47 Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe

na ɔde nsukyeneeɛ sɛee wɔn ankye nnua.

48 Ɔde sukyerɛmma kumm wɔn anantwie

ɔde anyinam kumm wɔn nyɛmmoa.

49 Ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so,

abufuo, anibereɛ ne ahohia;

abɔfoɔ asɛefoɔ kuo no.

50 Ɔbɔɔ ɛkwan maa nʼabufuo;

na wamfa wɔn nkwa ankyɛre wɔn

mmom ɔde wɔn maa ɔyaredɔm.

51 Ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa,

Ham ntomadan mu nnipa mu abakan.

52 Nanso ɔyii ne nkurɔfoɔ firii mu nnwankuo;

ɔdii wɔn anim nnwan ɛserɛ no so.

53 Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro;

nanso wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo asorɔkye bu faa wɔn so.

54 Sei na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahyeɛ so,

bepɔ asase a ɔde ne nsa nifa gyeeɛ no.

55 Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim no

na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn wɔn agyapadeɛ;

ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔn afie mu.

56 Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ

na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no;

na wɔanni ne mmara so.

57 Wɔyɛɛ wɔn agyanom, wɔanni nokorɛ na wɔannya gyidie,

ahotosoɔ nni wɔn mu, na wɔte agyan a asɛe.

58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuo

na wɔn ahoni maa ne ninkuntwe mu yɛɛ den.

59 Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuiɛ;

na ɔpoo Israel korakora.

60 Ɔgyaa nʼatenaeɛ a ɛwɔ Silo no

ntomadan a wasi nnipa mu no.

61 Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommumfa mu,

nʼanimuonyam kɔɔ atamfoɔ nsam.

62 Ɔde ne nkurɔfoɔ maa akofena;

ne bo fuu nʼagyapadeɛ yie.

63 Egya hyee wɔn mmeranteɛ kumm wɔn,

na wɔn mmabaawa annya ayeforɔhyia dwom anto;

64 Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano,

na wɔn akunafoɔ antumi ansu.

65 Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no,

sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no.

66 Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi;

ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ.

67 Afei ɔpoo Yosef ntomadan no,

na wamfa Efraim abusuakuo no nso;

68 Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuo no,

Bepɔ Sion a ɔdɔ noɔ no.

69 Ɔsii ne kronkronbea te sorɔnsorɔmmea,

te asase a ɛtim daa.

70 Ɔyii ne ɔsomfoɔ Dawid;

ɔfrɛɛ no firii nnwammuo mu

71 firii nnwan akyiridie, na ɔde no baeɛ

ɔmmɛyɛ odwanhwɛfoɔ mma ne nkurɔfoɔ Yakob,

mma Israel a wɔyɛ nʼagyapadeɛ.

72 Na Dawid de akoma pa hwɛɛ wɔn so

na ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-