Publicidade

Juízo

Por Bíblia Online

O juízo de Deus é manifestação de sua justiça e soberania. Ele julga o mundo, julga as nações e julga cada coração com perfeita equidade e misericórdia.

O juízo de Deus

Deus é juiz justo que prova os corações. Seu juízo é verdadeiro e alcança toda obra, secreta ou pública.

Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn,

deɛ wɔayɛ asie nso ka ho,

ɛyɛ papa anaa bɔne.

Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ no, saa ara nso na Ɔba no nyane awufoɔ a ɔpɛ ɔnyane wɔn no. Afei koraa, mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmuo tumi no ahyɛ Ɔba no nsa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛdi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.

"Mereka nokorɛ akyerɛ mo : Obiara a ɔtie me nsɛm na ɔgye deɛ ɔsomaa me no di no, nkwa a ɛnni awieeɛ. Wɔremmu no atɛn, ɛfiri , wafiri owuo mu aba nkwa mu. Mereka nokorɛ bio , ɛberɛ bi reba, na mpo saa ɛberɛ no anya aba a awufoɔ bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no bɛnya nkwa. Sɛdeɛ Agya no nkwamafoɔ no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafoɔ. Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, ɛfiri , ɔno ne Onipa Ba no.

"Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri , ɛberɛ bi reba a awufoɔ a wɔwɔ wɔn damena mu mpo bɛte me nne, na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no bɛnyane atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn . Merentumi mfiri mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na megyina bu atɛn. Ɛno enti, atɛn a mebu no nokorɛ.

Yesu Ho Adansedie

"me ara medi me ho adanseɛ a, mʼadansedie no nni mu.

Nanso, meka nokorɛ kyerɛ mo; ɛyɛ ma mo mɛkɔ, ɛfiri , mankɔ a, ɔboafoɔ no remma mo nkyɛn. Nanso, mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na ɔba a, ɔbɛma ewiasefoɔ ahunu wɔn bɔne ne deɛ ɛyɛ tenenee ne Onyankopɔn atemmuo. Deɛ wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri , wɔnnye me nni.

Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Mo enti na saa nne yi kasaeɛ na ɛnyɛ me enti. Afei, ɛberɛ aduru wɔbu ewiase atɛn na wɔtu ɔbonsam a ɔdi ewiase so no gu. wɔnya ma me so firi asase mu a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn."

Aberanteɛ no de anigyeɛ kaa , "Awurade, megye medi." Afei, ɔkotoo Yesu.

Yesu kaa , "Mebaa ewiase ha merebɛbu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifirafoɔ no ahunu adeɛ, na makyerɛ wɔn a wɔgye di wɔhunu adeɛ no , wɔyɛ anifirafoɔ."

Prestando contas

Cada um prestará contas de si mesmo a Deus. O juízo começa pela casa de Deus e depois alcança os que não obedecem ao evangelho.

Mommmu Atɛn

obi gyidie sua mo mu a, monnye no; mo ne no nnnye deɛ nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnyeɛ. Obi gyidie ma ɔtumi di biribiara, nanso obi a ne gyidie sua no di afuomduane nko ara. Ɛnsɛ deɛ ɔdi biribiara no bu deɛ ɔnni biribiara no animtia; saa ara nso na ɛnsɛ obi a ɔdi afuomduane nko ara no bu deɛ ɔdi biribiara no atɛn; ɛfiri , Onyankopɔn agye no. Wo ne hwan a wobu obi ɔsomfoɔ atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka wadi nkonim anaasɛ wadi nkoguo. Na ɔbɛdi nkonim, ɛfiri , Awurade bɛtumi ama wadi nkonim.

Yɛn mu biara bɛbu ne ho akonta akyerɛ Onyankopɔn.

Ɛno enti, momma yɛnnyae yɛn ho yɛn ho atemmuo. Mmom, deɛ ɛsɛ modwene ne , monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu. Ahotɔsoɔ a mewɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mehunu biribiara nni a ɛho nte. Na obi gye di biribiara ho nte a, na saa onipa no na ɛho nte mma no.

Ɛberɛ aduru wɔbu atɛn, na Onyankopɔn no ara nkurɔfoɔ na wɔbɛdi kane abu wɔn atɛn. Na ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie Asɛmpa no asoɔdenfoɔ no sɛn?

Enti, ɛnsɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wɔbɛbu atɛn a ɛtwa toɔ. Ɔbɛda deɛ ahinta sum mu no adi na wada deɛ ahinta nnipa akoma mu no nso adi. Na nkamfo a ɛsɛ onipa biara nya firi Onyankopɔn no, wɔakamfo no.

Deɛ mode afoforɔ no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.

"Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so? Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua , Ma menyi aboseaa a ɛda wʼani so no mma wo,ɛberɛ a ɛboɔ da wʼani so.

Justiça e redenção

O juízo de Deus é também redenção. Ele livrou Israel do Egito com juízos e salva os arrependidos pela cruz de Cristo.

"Enti, ka kyerɛ Israelfoɔ no , Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwanwadeɛ de ayi wɔn afiri nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.

"Na mɛtwam afa Misraim asase so anadwo yi na mmammarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mɛkum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, ɛfiri , mene Awurade!

Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara

na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wʼani so,

enti, wodi bem wo kasa mu

na wotene wʼatemmuo mu.

Sion te, na ne ho sɛpɛ no

na Yuda nkuraase ani gye

Ao Awurade, ɛsiane wʼatɛntenenee enti.

Wɔde wɔn mmonnua ne nname

bubuu nnua a wɔasene adi ho adwinneɛ no.

Wɔhyee wo kronkronbea no dwerɛbee;

wɔguu baabi a wo Din teɛ no ho fi.

Nnipakuo A Wɔwɔ Ɔsoro No Ani Gye

Yei akyi no, metee nne bi te nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam ,

"Haleluia!

Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛn Onyankopɔn,

ɛfiri , nʼatemmuo nokorɛ

na ɛyɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ

a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn.

Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri , ɔkumm nʼasomfoɔ."

Na afei, wɔteaam bio ,

"Haleluia!

Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa."

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-