Publicidade

Êxodo 6

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Wobɛhunu deɛ mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfoɔ no akɔ. Nokorɛm, mɛhyɛ no ama wapam wɔn afiri asase no so."

2 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose , "Mene Awurade no. 3 Meyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn tumfoɔ. Nanso, mammɔ me din Awurade no ankyerɛ wɔn. 4 Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam mede Kanaan asase a na tete no wɔte so ahɔhoɔ no bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ. 5 Afei, mate Israelfoɔ apinisie ne nya a Misraimfoɔ di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no.

6 "Enti, ka kyerɛ Israelfoɔ no , Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwanwadeɛ de ayi wɔn afiri nkoasom mu ama wɔade wɔn ho. 7 Mɛgye wɔn atom me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na wɔbɛhunu mene Awurade, wɔn Onyankopɔn a wagye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam no. 8 Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapadeɛ. Mene Awurade no.’ "

9 Enti, Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, ɛsiane abasamutuo a ɛfiri ɔhyɛ ntrasoɔ enti.

10 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 11 "Sane Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔ."

12 Nanso, Mose kaa , "Dabi, afei deɛ, me ara me nkurɔfoɔ no rentie asɛm a mɛka biara bio. Na mʼano nso nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na matumi akasa ama atɔ Farao asom?"

13 Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron wɔnsane nkɔ Israelfoɔ no ne Farao a ɔyɛ Misraimfoɔ ɔhene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim asase so nkɔ.

Mose Ne Aaron Nuayɛ

14 Nnipa a na wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no edin na ɛdidi so yi:

Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmammarima :

Hanok, Palu, Hesron, Karmi.

Yeinom na wɔwoo Ruben asefoɔ.

15 Simeon mmammarima:

Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne maame Kanaanni.

Yeinom na wɔwoo Simeon asefoɔ.

16 Lewi mmammarima:

Gerson, Kohat, Merari.

(Lewi dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)

17 Gerson mmammarima:

Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti.

18 Kohat mmammarima:

Amram, Ishar, Hebron, Usiel.

(Kohat dii mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.)

19 Merari mmammarima:

Mahli, Musi.

Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no no Lewi abusuafoɔ.

20 Amram waree nʼagya nuabaa Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron.

(Amram dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)

21 Ishar mmammarima:

Kora, Nefeg, Sikri.

22 Usiel mmammarima:

Misael, Elsafan, Sitri.

23 Aaron waree Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabaa Wɔn mma edin nie: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

24 Kora mmammarima:

Asir, Elkana, Abiasaf.

Yeinom ne Kora asefoɔ.

25 Aaron babarima Eleasa waree Putiel mmammaa no baako. Na Pinehas wɔn mma no mu baako.

Nnipa a wɔabobɔ wɔn edin yi ne wɔn a na wɔtuatua Lewifoɔ mmusuakuo no ano.

26 Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn , "Monkɔyi Israelfoɔ nyinaa mfiri Misraim asase so" no. 27 Na wɔn na wɔkɔɔ Farao kɔsrɛɛ no ɛkwan ɔmma wɔnni Israelfoɔ no anim nyi wɔn mfiri asase no so.

28 Ɛda a Awurade kasa kyerɛɛ Mose Misraim asase so no, 29 ɔkaa , "Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim ɔhempɔn no."

30 Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio "Mʼano nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?"

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-