Publicidade

Êxodo 12

Twam Afahyɛ Ahyɛaseɛ

1 Ɛberɛ a na Mose ne Aaron da so Misraim asase so no, Awurade ka kyerɛɛ wɔn , 2 "Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, bosome12.2 Na ɛyɛ Abib bosome, Ɔbɛnem ne Oforisuo ntam. yi bɛyɛ bosome a ɛdi ɛkan Yudafoɔ asranna so. 3 Ka kyerɛ Israelfoɔ nyinaa , saa bosome yi ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ ɔbarima biara odwammaa baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ efie biara nya odwammaa no baako. 4 abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe odwammaa no a, wɔtumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn mpasua no so a wɔn nso sua kyɛ odwammaa no. Aboa no kyɛ saa ɛkwan no so no gyina abusua no kɛseɛ ne ɛnam dodoɔ a wɔbɛtumi awe so. 5 Ɛsɛ aboa no deɛ wadi afe. Ɛsɛ ɔyɛ odwan anaa abirekyie a ɔnnii dɛm. 6 Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yie nkɔsi ɔbosome a ɛdii ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nnwammaa no dasuo mu. 7 Wɔmfa wɔn mogya nsra efie biara aponnwa ho. Odwammaa a wɔbɛwe no fie no mogya na wɔmfa nyɛ saa ahyɛdeɛ yi. 8 Anadwo, obiara bɛwe aboa no a wɔatoto no nam no bi. Wɔmfa burodo a ɛnkaeɛ ne awɔnwono nni. 9 Wɔnnnoa ɛnam no na wɔnnwe no mono nso, na mmom, wɔntoto aboa mu no nyinaa, a ne ti ne nan ne nʼayamdeɛ nyinaa ka ho. 10 moantumi anwe ne nyinaa anadwo no a, deɛ ɛbɛka no, adeɛ kye so a, monnwe na mmom monhye no. 11 Sɛdeɛ monwe ɛnam no nie: monwe ɛberɛ a mo ntadeɛ a mode tu ɛkwan hyehyɛ mo. Monsiesie mo ho mma ɛkwan tenten twa. Monhyɛ mo asopatere na momfa mo mpoma nkurakura. Monwe no ɔherɛ so. Saa adeyɛ yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ.

12 "Na mɛtwam afa Misraim asase so anadwo yi na mmammarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mɛkum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, ɛfiri , mene Awurade! 13 Mogya a mode bɛyɛ aponnwa no ho no bɛyɛ agyinahyɛdeɛ enti, mehunu mogya no a, mɛtwam akɔ, na merekum Misraim mmakan a, merenkum mo deɛ bi.

14 "Yei ɛda a ɛsɛ mokaeɛ. Afe biara, ɛfiri awontoatoasoɔ kɔsi awontoatoasoɔ ɛsɛ mohyɛ ɛfa no afahyɛ sononko ma Awurade. Yei mmara a ɛbɛtena ɛda biara. 15 Nnanson no mu, monni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ nko ara. Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, monyiyi mmɔreka biara mfiri mo afie mu. Obiara a saa ɛberɛ yi mu ɔbɛbu saa afahyɛ yi mmara yi so no, wɔbɛtwa no asuo afiri Israelman mu. 16 Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan ne ne nnanson soɔ no, nnipa no nyinaa bɛdi ɛda no ɛda a wɔayi asi ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduanenoa akyiri no, obiara nnyɛ adwuma foforɔ biara.

17 "modi Apiti Afahyɛ yi a, ɛbɛma mo akae daa , saa ɛda no na meyii mo firii Misraim asase so. Enti, ɛsɛ afe biara, modi saa dapɔnna yi firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so. 18 Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ kɔsi nʼadaduonu ɛda baako so no, burodo a mmɔreka mfra mu nko ara na monni. 19 Saa nnanson no mu, ɛnsɛ wɔhunu mmɔreka kakra bi koraa mo afie mu. Enti, obiara a ɔbɛdi aduane a mmɔreka mu no, wɔbɛyi no afiri Israel asafo kuo no mu. Saa mmara yi ka amamfrafoɔ a wɔne mo te ne wɔn a wɔwoo wɔn asase yi so nyinaa. 20 Mesane meti mu bio , saa nna no mu monnni biribiara a wɔde mmɔreka afra mu; monni burodo a mmɔreka mfra mu."

21 Afei, Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn , "Monkɔkyekyere odwammaa anaa abirekyie ba mma abusua biara, na monkum no Twam Afahyɛ aboa. 22 Montwa odwan no mogya ngu kyɛnsee bi mu. Momfa hisope mmɔ mogya no mu na momfa mpete aponnwatifi ne aponnwa mmienu a aka no ho sɛdeɛ mogya no bɛda ho. Mowie a, mo mu biara mmfiri nkɔ abɔntene saa anadwo no. 23 Awurade bɛtwam afa asase yi so akunkum Misraimfoɔ. Na ɔhunu mogya aponnwatifi no ne aponnwa mmienu no ho a, ɔbɛtwa saa efie no ho akɔ a ɔremma ɔsɛefoɔ no nwura nkunkum mo mmakan.

24 "Na monkae yei mmara a ɛwɔ daa ma mo ne mo asefoɔ. 25 Na moba asase a Awurade de bɛma mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo ho no so a, mobɛkɔ so adi afahyɛ no. 26 Na mo mma bisa mo , Yeinom nyinaa ase ne sɛn; saa afahyɛ yi fa ɛdeɛn ho a, 27 mobɛbua wɔn , ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔtwaa Israelfoɔ afie ho Misraim. Ɛwom ɔkunkumm Misraimfoɔ deɛ, nanso ɔgyaa yɛn mmusua.’ " Ɛberɛ a Mose kasa wieeɛ no, nnipa no nyinaa koto sɔreeɛ. 28 Na Israelfoɔ no dii Mose ne Aaron ahyɛdeɛ no so.

29 Ɛda no ara anadwo dasuo mu Awurade kunkumm mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, ɛfiri Farao babarima panin so kɔsi odeduani babarima panin ne anantwie nso mmakan nyinaa. 30 Afei, Farao ne ne mpanimfoɔ ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri , efie biara nni a onipa anwu mu.

31 Enti, Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no ka kyerɛɛ wɔn , "Mesrɛ mo, mo nyinaa montu mfiri ha. Monkɔsom Awurade sɛdeɛ mokaeɛ no. 32 Momfa mo nnwan ne mo anantwie na monkɔ. Nanso monhyira me ansa na moakɔ."

33 Misraimfoɔ no nyinaa ani beree Israelfoɔ no so pampam wɔn wɔmfiri asase no so ntɛm, ɛfiri , wɔkaa , "Yɛbɛwuwu." 34 Israelfoɔ no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔ a mmɔreka mfra mu, na wɔde wɔn ntadeɛ kyekyeree wɔn mmɔrefɔtɔ nnaka de sisii wɔn mmati so. 35 Na Israelfoɔ no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntadeɛ afiri Misraimfoɔ no nkyɛn sɛdeɛ Mose kaa wɔnyɛ no. 36 Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisadeɛ nyinaa. Ɛnam saa so maa Israelfoɔ no twee Misraimfoɔ ahonyadeɛ nyinaa kɔeɛ.

37 Anadwo no ara, Israelfoɔ no siim firii Rameses kɔɔ Sukot. Na wɔn dodoɔ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam, a mmaa ne mmɔfra de wɔankan wɔn anka ho. 38 Nnipa ahodoɔ pii bi a wɔnyɛ Israelfoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ. Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie nyinaa kaa wɔn ho. 39 Wɔduruu baabi a wɔpɛ wɔdidi no, wɔde mmɔre a wɔamfa mmɔreka amfra a wɔde kɔeɛ no bi too burodo diiɛ. Na mmɔreka nni mu, ɛfiri , Misraimfoɔ no pamoo wɔn. Ɛno enti wɔannya mu ɛkwan anyɛ aduane a wɔbɛdi ɛkwan so.

40 Israelfoɔ no tenaa Misraim mfeɛ ahanan ne aduasa. 41 Na ɛda a wɔdii mfeɛ ahanan ne aduasa no na Awurade nkurɔfoɔ nyinaa firii asase no so. 42 Saa anadwo no ne ɛberɛ a Awurade yi too de gyee ne nkurɔfoɔ firii Misraim asase so. Enti, saa anadwo korɔ no ara na Israelfoɔ no yi de too ɛda a Onyankopɔn gyee wɔn no afirinhyia ɛda.

Twam Afahyɛ Ho Mmara

43 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron , "Twam Afahyɛ no ho mmara ni:

"Ahɔhoɔ biara nnwe odwammaa no ɛnam no bi. 44 Nanso, ɔsomfoɔ biara a wɔtee sika tɔɔ no no, wɔatwa no twetia deɛ a, ɔtumi we bi. 45 Ɔpaani anaa ɔhɔhoɔ biara nnwe bi.

46 "Ɛsɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara efie baako mu. Ɛsɛ wɔwe ɛnam no fie. Ɛnsɛ wɔwe ɛnam no fa biara abɔntene. Ɛnsɛ mobɔ dompe mu. 47 Ɛsɛ Israelfoɔ nyinaa di saa nkaeɛda yi berɛ korɔ mu.

48 "Ahɔhoɔ a mo ne wɔn te no nso, wɔpɛ wɔdi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abɛdi. Na ɛyɛ saa a, wɔbɛyɛ deɛ wɔwoo wɔn too mu mu. 49 Saa mmara yi ka Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo te no nso."

50 Enti, Israelfoɔ no nyinaa dii Awurade mmara no so sɛdeɛ ɔhyɛɛ Mose ne Aaron no. 51 Ɛda no ara na Awurade yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-