Não temas
'Não temas' é uma das frases mais repetidas na Bíblia. Deus a pronuncia nos momentos de maior temor, lembrando que sua presença e poder são maiores que qualquer ameaça.
Deus está contigo
Não temas, porque eu sou contigo. Deus repete essa promessa em cada crise, guerra e desafio que seus filhos enfrentam.
Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ;
mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn.
Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo;
mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo.
Na mene Awurade, wo Onyankopɔn,
deɛ ɔkura wo nsa nifa mu
na ɔka kyerɛ wo sɛ, nsuro;
mɛboa wo.
Nsuro, Ao, ɔsonsono Yakob,
Ao Israel a wo sua,
na mʼankasa mɛboa wo," Awurade na ɔseɛ,
wo gyefoɔ, Israel Ɔkronkronni no.
Wo a wode asɛm pa reba Sion,
foro kɔ bepɔ tenten bi so.
Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,
ma wo nne so na team,
ma so, nsuro;
ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ,
"Mo Onyankopɔn nie!"
Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Onyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ."
Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Monnsuro wɔn! Awurade, mo Onyankopɔn, bɛdi mo anim. Ɔrenni mo hwammɔ na ɔrennya mo nso."
Yeinom akyiri no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehunu mu sɛ,
"Abram, nsuro.
Meyɛ wo kyɛm.
Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo."
Coragem diante do perigo
Não tenhas medo — o Senhor teu Deus está no meio de ti, poderoso para salvar. Ele luta por nós e dá forças aos medrosos.
Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ,
"Mma nsuro, Ao Sion!
Mma wo nsa mu nhodwo.
Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ,
Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ.
Nʼani bɛgye wo ho
ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo,
ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.
Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, "Nsuro na yɛwɔ ɛdɔm sene wɔn."
Afei, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, "Ao, Awurade, bue nʼani na ma ɔnhunu adeɛ," Awurade buee ne ɔsomfoɔ ani, na ɔpagyaa nʼani no, ɔhunuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔ no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.
Monnsuro, me nkurɔfoɔ!
Momma mo ani nnye, na monsɛpɛ mo ho.
Nokorɛm Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ.
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, "Nka sɛ ‘meyɛ abɔfra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no. Nsuro wɔn, ɛfiri sɛ meka wo ho, na magye wo," deɛ Awurade seɛ nie.
Ɛda bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehunu mu sɛ, "Nsuro! Mpa aba! Kɔ so ara ka mʼasɛm no, ɛfiri sɛ, meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, ɛfiri sɛ, nnipa pii wɔ kuro yi mu a wɔyɛ mʼakyidifoɔ."
Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwom sɛ nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ atwa wo ho ahyia, na wote anyanyankyerɛ mu deɛ, nanso nsuro deɛ wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu sɛ wɔyɛ atuatefoɔ. Wɔyɛ atuatefoɔ ankasa nanso ɛsɛ sɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn; sɛ wɔbɛtie oo sɛ wɔrentie oo.
Fé que vence o medo
O medo não vem de Deus. Jesus disse: não temas, crê somente! A fé dissipa o medo e nos conecta ao poder de Deus.
Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ, "Nsuro, gye di ara."
Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bɛdi dadu. Sɛ owuo mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotire.
Monnsuro wɔn a wɔbɛtumi akum mo onipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a ɔbɛtumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na monsuro no.
Ɛberɛ a asɛm no ayɛ Yosef dadwene no, Awurade ɔbɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛ mu. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, "Yosef, Dawid aseni, nnyae Maria awadeɛ ɛfiri sɛ, ne nyinsɛn no firi Honhom Kronkron.
Ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Maria bio sɛ, "Maria, nsuro, ɛfiri sɛ, Awurade adom wo.
Simon Petro hunuu deɛ aba no, ɔbuu Yesu nkotodwe kaa sɛ, "Me wura, mesrɛ wo, firi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a mensɛ sɛ wobɛn me."