Publicidade

Gênesis 15

Onyankopɔn Ne Abram Apam

1 Yeinom akyiri no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram anisoadehunu mu ,

"Abram, nsuro.

Meyɛ wo kyɛm.

Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo."

2 Abram nso buaa , "Ao, Awurade Onyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me ɛberɛ a menni ɔba. Onipa a ɔbɛdi mʼadeɛ no Damaskoni Elieser?" 3 Na Abram toaa so , "Wommaa me mma enti, akoa a wɔwoo no me fie no na ɔbɛdi mʼadeɛ."

4 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Abram , "Saa ɔbarima yi renni wʼadeɛ da, agye wʼankasa wo yafumma." 5 Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyire, na ɔka kyerɛɛ no , "Pagya wʼani hwɛ soro na hwɛ wobɛtumi akan ɔsoro nsoromma anaa." Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram , "Saa ara na wʼasefoɔ bɛdɔɔso."

6 Abram gyee asɛm a Awurade kaeɛ no diiɛ. Ne saa enti, Awurade buu no onipa tenenee.

7 Awurade Onyankopɔn kyerɛɛ Abram bio , "Mene Awurade a mede wo firi Ur a ɛwɔ Kaldeafoɔ asase so baeɛ mede saa asase yi rema wo wʼagyapadeɛ."

8 Nanso, Abram kaa , "Ao, Ɔsorosoro Awurade, ɛbɛyɛ sɛn na mɛhunu , asase no bɛyɛ me dea?"

9 Awurade ka kyerɛɛ Abram , "Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyibereɛ a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me."

10 Abram de yeinom nyinaa brɛɛ Onyankopɔn, paapae wɔn mu mmienu, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ animu, de guguu . Na nnomaa no deɛ, wampaapae wɔn mu. 11 Na apete bɛsisii mmoa no afunu so no, Abram pamoo wɔn.

12 Ɛberɛ a owia rekɔtɔ no, Abram daa hatee, na esum kabii a ɛyɛ hu tɔɔ ne so. 13 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram , "Gye di wʼasefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan. 14 Nanso, mɛtwe saa ɔman a wʼasefoɔ bɛsom wɔn no aso, na ɛno akyiri no, wɔbɛfiri ɔman a wɔsom mu no mu aba adefoɔ. 15 Wo deɛ, wobɛwu asomdwoeɛ mu. Wobɛnyini akyɛre yie ansa na woawu. 16 Nanso, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan no mu, wʼasefoɔ bɛsane aba saa ɔman yi mu bio. Ɛfiri , saa ɛberɛ yi, Amorifoɔ a wɔte saa asase yi so ɛnnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuruu deɛ wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yie."

17 Na ɛbaa owia kɔtɔeɛ, na esum duruiɛ no, Abram hunuu egyakukuo bi ɛrefiri wisie ne ogyatɛn a ɛrederɛ bɛfaa mmoa a wɔakum wɔn no afunu afaafa no ntam. 18 Saa ɛda no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kaa , "Mede saa asase a ɛfiri Misraim asubɔnten no ho, de kɔsi asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefoɔ. 19 Saa ara nso na mede Kenifoɔ, Kenesifoɔ, Kadmonifoɔ, 20 Hetifoɔ, Perisifoɔ, Refaimfoɔ, 21 Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Girgasifoɔ ne Yebusifoɔ nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ no."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-