Elia Bɔ Osutɔ Ho Mpae
41 Elia ka kyerɛɛ Ahab se, "Kɔ na kodi aduan pa, ma wo ho ntɔ wo! Na mate sɛ osu kɛse bi rebɛtɔ." 42 Enti Ahab too pon. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔw atifi, kobutuw fam, bɔɔ mpae.
43 Na ɔka kyerɛɛ ne somfo se, "Kɔ na fa wʼani kyerɛ po so."
Ɔsomfo no kɔ kɔhwɛɛ hɔ, na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia se, "Manhu hwee."
Elia kaa saa kyerɛɛ no mpɛn ason sɛ ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ hɔ. Ɔno nso kɔɔ mpɛn ason.
44 Ne mpɛn ason so no, ne somfo no ka kyerɛɛ no se, "Mihuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a apue afi po no so reforo."
Ɛhɔ ara na Elia teɛɛ mu se, "Ntɛm! Kɔ Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. ‘Foro wo teaseɛnam no, na san kɔ fie. Sɛ woanka wo ho a, osu no besiw wo kwan.’ "
45 Ankyɛ biara na osu munaa tumm. Osuframa bɔe, na osu kɛse tɔe, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel.