Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Crônicas 20

Yehosafat Nkonimdi

1 Eyi akyi no, Moabfo, Amonfo ne Maonfo asraafo bi tuu Yehosafat so sa. 2 Abɔfo bɛka kyerɛɛ Yehosafat se, "Asraafo bebree fi Nkyene Po no akyi Edom rebɛko atia wo. Wɔadu Hasason-Tamar" (En-Gedi din baako ne no). 3 Yehosafat tee saa asɛm no, ne ho yeraw no nti, obisaa Awurade akwankyerɛ. Ɔhyɛɛ obiara a ɔwɔ Yuda no nni abuada. 4 Na nnipa a wɔwɔ Yuda nkurow nyinaa so baa Yerusalem, bɛhwehwɛɛ Awurade.

5 Na Yehosafat sɔre gyinaa Yudafo ne Yerusalemfo anim Awurade Asɔredan no adiwo foforo . 6 Ɔbɔɔ mpae se,

"Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn, wo nko ne Onyankopɔn a wote ɔsoro. Wo na wudi ahenni a ɛwɔ asase nyinaa so. Woyɛ otumfo ne ɔkɛse a obiara ntumi ne wo nni asi. 7 Yɛn Nyankopɔn, bere a wo nkurɔfo bedui no, woampam wɔn a na wɔte asase yi so no ana? Na woamfa saa asase yi amma wʼadamfo Abraham asefo afebɔɔ ana? 8 Wo nkurɔfo tenaa ha sii saa Asɔredan yi maa wo. 9 Wɔkaa se, ɔhaw bi te ɔko, ɔyare anaa ɔkɔm bi to yɛn a, yebetumi aba wʼanim saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din anuonyam no. Yebetumi asu afrɛ wo , gye yɛn nkwa, na wubetie yɛn, agye yɛn.

10 "Na afei, hwɛ nea Amonfo, Moabfo ne Seir asraafodɔm reyɛ. Woamma yɛn agyanom anni saa aman no so nkonim bere a Israel fii Misraim no, na mmom, wɔfaa wɔn ho a wɔansɛe wɔn. 11 Afei, hwɛ sɛnea wɔretua yɛn so ka. Wɔaba , wɔrebetu yɛn afi wʼasase a wode maa yɛn agyapade no so. 12 Yɛn Nyankopɔn, worensiw wɔn ano? Yenni ahoɔden asraafodɔm kɛse yi a wɔpɛ wɔbɛtow hyɛ yɛn so yi. Yenhu nea yɛnyɛ, na yɛhwɛ kwan wobɛboa yɛn."

13 Bere a Yuda mmarima nyinaa ne wɔn nkokoaa, wɔn yerenom ne wɔn mma gyina Awurade anim no.

14 Awurade Honhom baa mmarima a wogyinagyina no mu baako so. Na ne din de Yahasiel a ɔyɛ Sakaria babarima a ɔno nso Benaia babarima, na ɔno nso Yeiel babarima, na ɔno nso Lewini Matania, a ɔyɛ Asaf aseni no babarima.

15 Ɔkae se, "Ɔhene Yehosafat, tie! Mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa, muntie! Sɛnea Awurade se ni: Munnsuro. Mommma asraafodɔm kɛse ntu mo koma, efisɛ ɔko no nyɛ mo dea, na ɛyɛ Onyankopɔn dea. 16 Ɔkyena, muntu nten nkɔ wɔn so. Mubehu wofi Sis atrapoe a ɛwɔ obon no fa a epue Yeruel sare no so reba. 17 Na ɛho nhia mpo mobɛko. Munnyinagyina mo afa, monyɛ dinn na monhwɛ Awurade nkonimdi. Ɔka mo ho, Yuda ne Yerusalem manfo. Munnsuro, na mommma mo koma ntu. Ɔkyena, monkɔ , na Awurade ka mo ho."

18 Na ɔhene Yehosafat sii ne ti ase, na Yuda ne Yerusalem manfo no nyinaa nso yɛɛ saa, de som Awurade. 19 Na Lewifo a wofi Kohat ne Kora mmusua mu sɔre gyina teɛɛ mu dennen sɔree Awurade, Israel Nyankopɔn.

20 Ade kyee nʼanɔpahema no, Yuda asraafo no kɔɔ Tekoa sare so. Bere a wɔrekɔ no, Yehosafat gyina kae se, "Muntie me, mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa. Munnye Awurade, mo Nyankopɔn, nni na mubetumi agyina pintinn. Munnye nʼadiyifo no nni, na mubedi nkonim." 21 Ɔhene no ne nnipa no ntuanofo dii nkitaho wiei no, oyii nnwontofo bi wonni asraafo no anim, nto dwom mma Awurade, nkamfo no nʼanuonyam kronkron no nti. Dwom no mu nsɛm ni:

"Monna Awurade ase

na nʼadɔe daa!"

22 Bere a wɔpagyaw ayeyi dwom no, Awurade maa Amon, Moab ne bepɔw Seir asraafo no twaa wɔn ho koe. 23 Moab ne Amon asraafo no dan wɔn ani kyerɛɛ mmarima a wofi bepɔw Seir so no, kunkum wɔn nyinaa. Wowiee Seir asraafo no, wotwaa wɔn ho koe.

24 Na Yuda asraafo no duu baabi a wogyina a wuhu sare no so no, wohuu afunu gugu fam akyiri. Atamfo no mu baako mpo antumi anguan. 25 Ɔhene Yehosafat ne nʼakofo no kɔtasee asade. Wonyaa adwumayɛ nneɛma, ntade ne nneɛma a ɛsom bo a wontumi nsoa. Na asade no dɔɔso enti wɔde nnansa na ɛtase ne nyinaa. 26 Nnaanan so no, wɔboaa wɔn ho ano Nhyira Bon mu. Wɔtoo obon no din saa da no, efisɛ ɛhɔ na nnipa no kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔda so frɛ no Nhyira Bon nnɛ yi.

27 Afei, Yehosafat dii wɔn anim ne wɔn san kɔɔ Yerusalem anigye so , Awurade ama wɔadi wɔn atamfo so nkonim. 28 Wɔbɔɔ mmɛnta, asankuten ne ntorobɛnto tuu nten kɔhyɛn Yerusalem na wɔkɔɔ Awurade Asɔredan no mu.

29 Bere a ahenni a atwa ahyia no tee Awurade no ankasa ako atia Israel atamfo no, Awurade ho suro baa wɔn so. 30 Na ɛmaa asomdwoe baa Yehosafat ahenni mu, efisɛ ne Nyankopɔn maa no ahomegye afanan nyinaa.

Yehosafat Ahenni Awiei

31 Na Yehosafat dii hene Yuda asase so. Bere a odii hene no, na wadi mfe aduasa anum. Ɔtenaa Yerusalem dii hene mfe aduonu anum. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi babea. 32 Na Yehosafat ɔhene a oye. Ɔyɛɛ nea nʼagya Asa yɛe. Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani. 33 Nanso nʼahenni mu no, wammubu abosonsomfo nsɔree so no, na ɔmanfo no nso amfa wɔn koma nyinaa amma wɔn agyanom Nyankopɔn no.

34 Yehosafat ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Hanani babarima Yehu nhoma a wɔde aka Israel Ahemfo nhoma no ho.

35 Nanso ɛrekɔ nʼasetena awiei no, ɔhene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ne tirim den no kaa wɔn ho bɔɔ mu. 36 Wɔyɛɛ Po so aguadi ahyɛn bebree Esion-Geber hyɛngyinabea. 37 Na Dodafahu babarima Elieser a ofi Maresa hyɛɛ nkɔm, de tiaa Yehosafat. Ɔkae se, "Esiane wo ne ɔhene Ahasia ayɛ baako nti, Awurade bɛsɛe wʼadwuma." Enti ahyɛn no bobɔe a wɔantumi amfa ankodi gua.

Veja também