Ahonisom Ho Kɔkɔbɔ
1 Sɛ odiyifo anaa obi a ɔnam adaeso so ka ahintasɛm sɔre wɔ mo mu na ɔka nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwasɛm kyerɛ mo, 2 na sɛ nsɛnkyerɛnne anaa anwonwasɛm no ba mu na ɔka se, "Momma yenni anyame afoforo akyi (anyame a munnim wɔn) na yɛnsom wɔn" a, 3 ɛnsɛ sɛ mutie saa odiyifo anaa ɔdaesofo no nsɛm. Awurade, mo Nyankopɔn, resɔ mo ahwɛ sɛ mufi mo koma ne mo kra mu nyinaa dɔ no ana. 4 Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɛsɛ sɛ mudi nʼakyi na ɔno na ɛsɛ sɛ mode obu ne nidi ma no. Munni ne mmara so na monyɛ osetie mma no; monsom no na mommata ne ho den.