Nneyɛe A Ɛmfata Wɔ Aware Mu
13 Sɛ ɔbarima ware ɔbea na ɔne no da na akyiri no ɔmpɛ no bio, 14 na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no din bɔne se, "Mewaree no no, manhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbabun," 15 a, ɔbea no agya ne ne na wɔ ho kwan sɛ wɔde adansede a ɛkyerɛ sɛ wɔn babea no yɛ ɔbabun bɛkyerɛ kurow no mpanyimfo wɔ kurow no pon. 16 Ɛsɛ sɛ ɔbea no agya ka kyerɛ wɔn se, "Mede me babea maa ɔbarima yi aware nanso ose ɔmpɛ no bio. 17 Wagu nʼanim ase aka se, ‘Manhu sɛ wo babea no yɛ ɔbabun.’ Nanso adansede a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbabun no ni." Afei, wɔbɛtrɛw ntama no mu wɔ kurow no mpanyimfo anim,