Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 33

Mose Hyira Mmusuakuw No

1 Eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo no ansa na ɔrewu:

2 Ose, "Awurade fi Sinai bae

ofi Seir baa wɔn so;

ɔhran fi Paran bepɔw so.

Ɔde akronkronfo pii bae

fi anafo fam ne mmepɔw nsian so.

3 Nokware ni, wo na wodɔ nnipa no,

akronkronfo nyinaa wo nsam.

Wɔn nyinaa kotow wo nan ase,

na wonya nkyerɛkyerɛ fi wo ,

4 mmara a Mose de maa yɛn no;

Yakob nkurɔfo agyapade.

5 Ɔyɛɛ ɔhene Yeshurun

bere a nnipa no ntuanofo hyiae,

wɔne Israel mmusuakuw no.

6 "Ma Ruben nya nkwa na onwu,

na mma ne nkurɔfo so nhuan."

7 Na ɔkaa eyi faa Yuda ho:

"Tie, Awurade, tie Yuda sufrɛ;

fa no brɛ ne nkurɔfo.

Ɔde nʼankasa nsa ne ho ban.

Ao, ne boafo tia nʼatamfo!"

8 Asɛm a ɔka faa Lewi abusuakuw ho:

"Awurade, wode ade kronkron

ama wʼasomfo nokwafo Lewifo.

Wosɔɔ wɔn hwɛe Masa

wɔne wɔn koe Meriba asu ho.

9 Lewifo tiee wʼasɛm

bɔɔ wʼapam no ho ban.

Wodii wo nokware

sen sɛnea wodii wɔn awofo,

abusuafo ne wɔn mma nokware.

10 Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.

Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfo.

Wɔde aduhuam bɛba wʼanim

Abɛbɔ ɔhyew afɔre afɔremuka so.

11 Hyira Lewifo, Ao Awurade

na ma wɔn nsa ano nnwuma nsɔ wʼani.

Bubu wɔn atamfo;

wɔn atamfo hwe fam a wɔnsɔre bio."

12 Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuw ho:

"Ma Awurade nnye ntin Benyamin nkurɔfo mu,

efisɛ ɔbɔ wɔn ho ban daa nyinaa,

na nea Awurade no no nhome ne nwini ase daa."

13 Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuw ho:

"Awurade mfa ne sorosoro bosu a ɛsom bo

ne bun mu nsu a efi asase ase no,

nhyira wɔn nsase.

14 Ɔmfa ne nnepa efi owia mu ba

ne adonne a ebetumi apue afi ɔsram so;

15 ne nnɔbae pa a efi tete mmepɔw mu

ne nea abu so nkoko a etim daa mu

16 ne akyɛde a ɛso nni a efi asase ne ne mayɛ mu,

ne adom a efi nea na ɔte nwura a ɛhyew mu no.

Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef ti so,

nea ɔyɛ ne nuanom mu ɔheneba no anintɔn mu.

17 Yosef nantwinini a ɔyɛ abakan ahenni mu.

Ne ahoɔden te ɔtrɔm mmɛn.

Ɔde bɛwowɔ aman no,

wɔn a wɔwɔ asase ano no mpo.

Eyinom ne Efraim mpem du du no;

eyinom ne Manase mpempem no."

18 Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuw ho:

"Sebulon asefo, munni anigye mo adifi mu.

Isakar asefo, munni anigye mo ntamadan mu.

19 Wɔbɛfrɛ nnipa ahorow akɔ bepɔw no so

kɔbɔ trenee afɔre ;

wobefi po mu adenya mmoroso mu ato pon

afi ademude a ahintaw nwea mu."

20 Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuw ho:

"Nhyira nka obi a ɔtrɛw Gad mantam mu!

Gad te gyata

a ɔretetew abasa anaa eti.

21 Gad nkurɔfo paw asase pa no maa wɔn ho;

ɔkannifo kyɛfa na wɔde maa wɔn.

Bere a nkurɔfo no mpanyimfo hyiae no,

wɔyɛɛ Awurade atɛntrenee apɛde no,

ne nʼatemmu a ɛfa Israelfo ho no."

22 Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuw ho:

"Dan gyata ba a,

ɔrepue afi Basan."

23 Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuw ho:

"Naftali adom bebree

na Awurade nhyira ayɛ wo ma;

ɔtare no anafo fam bɛyɛ wo kyɛfa."

24 Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuw ho:

"Mma no mu nea wɔahyira no koraa ne Aser;

wɔmma ne nuanom mpɛ nʼasɛm,

na ɔmfa ngo nguare nʼanan ase.

25 Wʼapon ho nkyerewa nyɛ dade ne kɔbere mfrafrae;

wʼahoɔden ne wo nkwanna bɛsae so.

26 "Onyankopɔn biara nni Yeshurun Nyankopɔn;

a ɔnam ɔsorosoro ne nʼahenni mu mununkum

so ba bɛboa wo.

27 Onyankopɔn a ɔwɔ daa wo guankɔbea;

nea ɛwɔ ase no ne abasa a ɛwɔ daa no.

Ɔbɛpam wʼatamfo afi wʼanim;

ɔbɛka se, Sɛe wɔn!

28 Enti, Israel bɛtena ase dwoodwoo;

Yakob benya bammɔ

asase a atoko ne nsa foforo so,

faako a ɔsoro bosu gugu.

29 Nhyira nka mo, Israel!

Hena na ɔte mo,

nnipa a Awurade agye mo nkwa.

Ɔyɛ mo nkatabo ne boafo

ne mo anuonyam afoa!

Mo atamfo bɛkotow mo anim,

na moatiatia wɔn sorɔnsorɔmmea."

Veja também