Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 2

5 Farao babea kɔɔ asu no mu ɔrekoguare. Bere a ɔne ne mmaawa nam asu no konkɔn so no, ohuu kɛntɛn no ɛhyɛ wuram baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako ɔnkɔfa mmrɛ no. 6 Ɔde bae a obuee so no, ohuu abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhow. Ɔkae se, "Ɔyɛ Hebrifo yi bi ba."

7 Abofra no nuabea a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babea no nkyɛn kobisaa no se, "Menkɔfrɛ Hebrifo mmea no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo ana?"

8 Ɔhene babea no buae se, "Yiw." Enti, abeawa no tuu mmirika kɔɔ fie kɔfrɛɛ abofra no na de no bae. 9 Ɔhene babea no ka kyerɛɛ no se, "Fa abofra no fie na kɔhwɛ no ma me na metua wo ho ka." Enti ɔde no kɔɔ fie kɔhwɛɛ no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também