Pular para o conteúdo
Publicidade

Levítico 17

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 "Hyɛ saa mmara a efi Awurade nkyɛn yi ma Aaron ne ne mma ne Israelfo no nyinaa. 3 Israelni biara a ɔde nantwi, oguamma anaa abirekyi bɛbɔ afɔre nsraban mu anaa akyi no, 4 a anka ɛsɛ ɔde no ba Ahyiae Ntamadan no ano de no ma Awurade afɔrebɔde Awurade Ahyiae Ntamadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no wahwie mogya agu enti ɛsɛ wotwa no asu fi ne manfo mu. 5 Saa mmara yi bɛbra Israelfo no a ɛremma wɔmfa mmoa mmɔ afɔre wuram baabiara kwa. Ɛbɛhyɛ wɔn ama wɔde afɔrebɔde no abrɛ ɔsɔfo no Ahyiae Ntamadan no kwan ano sɛnea ɔsɔfo no betumi de ama Awurade asomdwoe afɔrebɔde. 6 wɔfa saa kwan no so a, ɔsɔfo no betumi apete mogya agu Awurade afɔremuka no so Ahyiae Ntamadan no kwan ano na wɔahyew srade no ohuam ama Awurade ani asɔ. 7 Na ama ɔmanfo agyae afɔre a wɔbɔ ma ahonhommɔne wuram no. Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena daa ama mo fi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso so.

8 "Miti mu , Hyɛ saa mmara yi nso ma wɔn. Israelni anaa ɔhɔho a ɔne mo te no de ɔhyew afɔrebɔde no anaa afɔrebɔ no ba, 9 na wamfa amma Ahyiae Ntamadan no kwan ano amfa amma Awurade a, ɛsɛ wotwa no asu fi ɔmanfo no mu.

10 " Na mɛdan mʼani atia obiara a obedi mogya ɔkwan biara so no; ɛmfa ho ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔho a ɔte mo mu. 11 Efisɛ ɔhonam no nkwa mogya no mu, na mama mo mogya momfa mpete afɔremuka no so mpatade mma mo akra; nkwa a ɛwɔ mogya mu nti na wɔde mpatade ma onipa kra. 12 Ɛno nti, mereka akyerɛ Israelfo se, "Wɔn anaa ahɔho a wɔte wɔn mu no nni mogya."

13 " Israelni anaa ɔhɔho biara a ɔte wɔn mu a ɔbɛkɔ ahayɛ na obekum aboa anaa anomaa biara a wɔwe ne nam no, ɔnsɔn ne mogya na ɔmfa mfutuma nkata so, 14 efisɛ aboa biara nkwa ne ne mogya. Ɛno nti na meka kyerɛɛ Israelfo se wonnni mogya no, efisɛ nnomaa anaa aboa biara nkwa ne mogya. Enti obiara a odi mogya no, ɛsɛ wotwa no asu.

15 " Obiara a ɔwe aboafunu a ɔno ara awu anaasɛ akekaboa bi na okum no no, ɛsɛ ɔhoro ne ntama na oguare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere; ɛno akyi no, ɛsɛ wɔpae mu ka se ne ho atew. 16 Na wanhoro ne ntama anguare a, wɔne no bedi no sɛnea mmara no se.’ "

Veja também