Pular para o conteúdo
Publicidade

Levítico 21

Asɔfodi Ho Mmara

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Ka kyerɛ Aaron mma asɔfo no se, wonnso funu mu mfa ngu wɔn ho fi. 2 wobeso funu mu a, na ɛyɛ wɔn fini, ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabea, onuabarima 3 anaa onuabea a ɔyɛ ɔbabun a onni kunu na ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfo no. 4 Ɛnsɛ ɔware ne busuani bi na ɔfa so gu ne ho fi.

5 " Asɔfo no nni ho kwan wɔbɔ tikwaw, yi wɔn abogyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho. 6 Ɛsɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ wogu ne din ho fi. ɛba saa a, wɔremfata wɔde ogya bɛbɔ aduan afɔre ama Awurade wɔn Nyankopɔn.

7 " Ɛnsɛ ɔsɔfo ware oguamanfo anaa ɔbea bi a ofi ɔman foforo so. Onni ho kwan ɔware ɔbea bi a wagyae aware, efisɛ ɔsɔfo onipa kronkron ma Onyankopɔn. 8 Wɔayi ɔsɔfo no asi ɔmmɔ mo Nyankopɔn afɔre; ɔyɛ kronkron na me Awurade a metew mo ho ma moyɛ kronkron no nso meyɛ kronkron.

9 " Ɔsɔfo babea biara a ɔbɛbɔ aguaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ wɔhyew no.

10 " Ɛnsɛ ɔsɔfopanyin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atade sononko no gyaa ne tinwi a onni no ni anaasɛ ebetwa ne ntama mu. 11 Onni ho kwan ɔkɔ beae a funu da ; nʼagya anaa ne na funu koraa, onni ho kwan ɔkɔ ho na ɔde agu ne ho fi 12 anaa nso ogu so reyɛ nʼasɔfodwuma kronkronbea a, ɛnsɛ ofi adi. Ɛnsɛ ɔfa me kronkronbea no ofi bi kɛkɛ, efisɛ ne Nyankopɔn ngo a wɔde tew ne ho no da so ne so. Mene Awurade.

13 " Ɛsɛ ɔware ɔbabun. 14 Ɛnsɛ se ɔware okunafo anaa ɔbea bi a wagyae aware anaa oguamanfo. Ɛsɛ ɔbea a ɔbɛware no no ɔbabun a ofi ne man mu, 15 sɛnea ɛbɛyɛ a ongu ne mma ho fi ne nkurɔfo mu. Mene Awurade a metew ne ho no.’ "

16 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 17 "Ka kyerɛ Aaron se, efi awo ntoatoaso a ɛbɛba no so rekɔ no, wʼaseni biara a wadi dɛm no nni ho kwan ɔbɔ Onyankopɔn afɔre. 18 Obi a wadi dɛm mmɛn me: onifuraefo anaa apakye anaa nea ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ; 19 obi a ɔyɛ abasin anaa nansin, 20 anaa nea ɔyɛ afu anaa akwatia anaa nea nʼani nye anaa nea kuru atutu no anaa nea ɔyɛ twow. 21 Ɔsɔfo Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyew afɔre mma Awurade. Wadi dɛm, ɛno nti ɛnsɛ otwiw bɛn ɔde ne Nyankopɔn aduan rebrɛ no. 22 Nanso wɔbɔ afɔre no wie a, ɔsɔfo no tumi ma no Onyankopɔn afɔre no aduan no bi di a ɛmfa ho ɛyɛ afɔre kronkron. 23 Nanso ne dɛm no nti, onni ho kwan ɔkɔ ntwamtam no akyi anaa ɔbɛn afɔremuka no. Eyi begu me kronkronbea ho fi na ɛyɛ Awurade na watew ho."

24 Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa.

Veja também