Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 3

Hosea Ne Ne Yere Nkabom

1 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, "na kɔfa wo yere no bio. Fa no san bra wo nkyɛn, na no. Ɛmfa ho ɔfoforo bi no anaa ɔyɛ ɔwaresɛefo. no, sɛnea Awurade da so Israel, a mpo, nnipa no dan wɔn ho anyame afoforo nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba tetare no."

2 Enti mede gram ɔha aduoson baako (171) ne atoko lita ɔha aduɔwɔtwe abien (182) ne atoko lita aduɔkron baako kɔpataa no. 3 Na meka kyerɛɛ no se, "Ɛsɛ wo ne me tena nna bebree, na wugyae wʼaguamammɔ no; wo ne ɔbarima biara nyɛ nnamfo. Me ne wo bɛtena, nanso me ne wo renna."

4 Na ɔman Israel bɛwɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔremmɔ afɔre. Wɔrenhu ɔbosom dum anaa asɔfotade anaa ahoni nso . 5 Akyiri yi, Israelfo bɛsan akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn hene no. Wɔde ahopopo bɛba Awurade nkyɛn na wobenya ne nhyira nna a edi akyiri no mu.

Veja também