Petro Ne Yohane Gyina Asɛnniiɛ
1 Ɛberɛ a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfoɔ no, asɔfoɔ ne ɔpanin a ɔhwɛ awɛmfoɔ a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifoɔ baa wɔn nkyɛn. 2 Wɔn bo fuu yie, ɛfiri sɛ, na saa asomafoɔ yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afiri owuo mu a ɛkyerɛ sɛ awufoɔ tumi nyane ba nkwa mu. 3 Wɔkyeree asomafoɔ no, nanso ɛsiane sɛ na adeɛ asa enti, wɔde wɔn guu afiase kɔsii adekyeeɛ.