Publicidade

Êxodo 14

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "Ka kyerɛ nnipa no na wɔmmane mfa Pihahirot a ɛwɔ Migdol ne ɛpo no ntam na ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu no. wɔduru a, wɔnsi wɔn ntomadan mpoano . 3 wɔyɛ saa a, Farao bɛsusu , Saa Israelfoɔ no aka ɛserɛ no ne ɛpo no ntam.4 Na mɛsane mapirim Farao akoma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛeɛ yi sɛdeɛ ɛbɛma manya animuonyam ne anidie Farao ne nʼasraafoɔ mu na ama Misraimfoɔ no nso ahunu , mene Awurade no." Enti, wɔsii ntomadan baabi a wɔkyerɛɛ wɔn no.

Misraimfoɔ Taa Israelfoɔ

5 Nnansa akyi a Misraimhene no tee Israelfoɔ no abɔ wɔn tirim wɔrensane mma Misraim bio na mmom ara na wɔrekɔ no, Farao ne nʼahokafoɔ akoma sɔree bio. Wɔbisaa , "Ɛdeɛn na yɛayɛ yi a yɛama nkoa yi ɛkwan ama wɔkɔ?" 6 Enti, Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafoɔ no anim taa wɔn. 7 Ɔmaa Misraim apɔnkɔsotefoɔ dɔm a wɔn dodoɔ ahansia ne apɔnkɔ foforɔ bi a asraafoɔ tete wɔn so sram wɔn. 8 Farao taa Israelfoɔ no so, ɛfiri , na wɔde Misraimfoɔ agyapadeɛ bebree . 9 Farao de nʼapɔnkɔdɔm nyinaa taa Israelfoɔ no so bɛtoo wɔn wɔasisi wɔn ntomadan Pihahirot mpoano Baal-Sefon anim.

10 Ɛberɛ a Misraim asraafoɔ no rebɛn Israelfoɔ no, Israelfoɔ no hunuu wɔn firi akyiri wɔde mmirika reba enti wɔn akoma tuiɛ, na wɔsu frɛɛ Awurade ɔmmoa wɔn. 11 Ɛmaa wɔn ani beree Mose so bisaa no , "Wode yɛn aba ɛserɛ yi so yɛmmɛwuwu ha, ɛfiri , adamena nni Misraim a yɛwuwu a wɔbɛsie yɛn mu? Adɛn enti na womaa yɛtu firii Misraim? 12 Ɛberɛ a yɛwɔ nkoasom mu no, yɛanka ankyerɛ wo ma yɛmpɛ yɛn baabi ntena? Yɛkaeɛ yɛpɛ yɛbɛhyɛ nkoasom ase Misraim sene yɛbɛwuwu agu ɛserɛ so ha."

13 Nanso, Mose ka kyerɛɛ nnipa no , "Monnsuro. Monnyina pintinn na monhwɛ biribi. Na mobɛhunu anwanwakwan a Awurade nam so bɛgye mo afiri atamfoɔ nsam ɛnnɛ. Misraimfoɔ a mohunu wɔn seesei yi, morenhunu wɔn bio. 14 Awurade bɛko ama mo a monha mo ho koraa!"

15 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Adɛn enti na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔnkɔ wɔn anim. 16 Fa wo poma no. Fa kyerɛ nsuo no so na ɛpo no mu bɛpae ama ɛkwan ada mu ma Israelfoɔ no afa asase wesee so. 17 Mɛpirim Misraimfoɔ no akoma ama wɔaka mo so na di a mɛdi Farao ne ne dɔm so bɛma mo ahunu mʼanimuonyam. 18 Na Misraimfoɔ nyinaa bɛhunu , mene Awurade."

19 Afei, Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a ɔdi Israelfoɔ anim no twee ne ho bɛdii Israelfoɔ no akyi. Na omununkum dum nso bɛdii Israelfoɔ no akyi. 20 Ɛbɛtwaa Israelfoɔ no ne Misraimfoɔ no ntam. Na anadwo no, ɛdanee ogya maa esum tɔɔ Misraimfoɔ no so maa ne hann no kyerɛɛ Israelfoɔ no ɛkwan. Enti Misraimfoɔ no anhunu Israelfoɔ no akyiri kwan.

21 Mose tenee ne nsa ɛpo no so, na anadwo no nyinaa Awurade de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no sanee nʼakyiri ma asase no yɛɛ wesee. 22 Enti Israelfoɔ no faa ɛpo ɛkwan a emu wesee no so. Na nsuo no yɛɛ afasuo benkum ne nifa maa wɔn.

23 Afei, Misraimfoɔ no nso ne Farao apɔnkɔ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ tii wɔn kɔduruu ɛpo no mfimfini. 24 Na anɔpahema no, Awurade de ogya ne mununkudum no too Misraim dɔm no so maa wɔn ho yeraa wɔn. 25 Wɔn nteaseɛnam no nan tutuiɛ enti na wɔntumi nkɔ bio. Enti Misraimfoɔ no kaa , "Momma yɛnnwane mfiri Israelfoɔ anim, ɛfiri , Awurade reko ma wɔn na yɛn deɛ, ɔreko tia yɛn."

26 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Tene wo nsa ɛpo no so, na nsuo no nsane mmra Misraimfoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ no so." 27 Mose yɛɛ saa, na adeɛ kyee anɔpa no, ɛpo no sane nʼakyi tenee sɛdeɛ na ɛteɛ. Misraimfoɔ no pɛɛ wɔdwane, nanso Awurade maa nsuo no faa wɔn. 28 Nsuo no kataa ɛkwan no ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ no nyinaa so. Farao asraafoɔ dodoɔ a wɔfaa ɛpo no mu taa Israelfoɔ no nso, anka ɔbaako koraa.

29 Israelfoɔ no nante faa asase wesee a nsuo ɔfasuo benkum ne nifa no so. 30 Saa ɛda no Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraimfoɔ nsa mu. Na Israelfoɔ no hunuu Misraimfoɔ no wɔawuwu deda mpoano. 31 Ɛberɛ a Israelfoɔ hunuu tumi a Awurade ada no adie de atia Misraimfoɔ no, wɔsuroo Awurade, na wɔgyee Awurade ne nʼakoa Mose diiɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-