Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 17

Ɔbotan Mu Nsuo

1 Afei, Awurade hyɛeɛ maa Israelfoɔ no firii Sin ɛserɛ no so kokɔɔ nkuro nkuro so, kɔduruu Refidim. Wɔduruu no, na nsuo a wɔbɛnom biara nni . 2 Ɛha nso, nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose , "Ma yɛn nsuo nnom!"

Mose ka kyerɛɛ wɔn , "Monyɛ dinn! Adɛn enti na mo ne me regye akyinnyeɛ? Adɛn enti na mopɛ mosɔ Awurade hwɛ?"

3 Na osukɔm a ade wɔn no enti, wɔteateaam , "Adɛn enti na woyii yɛn firii Misraim? Adɛn enti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwie nyinaa bɛwuwu!"

4 Mose su frɛɛ Awurade , "Ɛdeɛn na menyɛ saa nkurɔfoɔ yi? Wɔpɛ wɔsi me aboɔ."

5 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Fa Israelfoɔ mpanimfoɔ no bi ka wo ho na fa poma a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn . 6 Mɛhyia wo ɔbotan a ɛwɔ bepɔ Horeb ho. woduru a, fa wo poma no ɔbotan no mu sɛdeɛ wode bɔɔ Nil mu no na nsuo bɛfiri mu aba ama obiara anya bi anom amee." Mose yɛɛ deɛ Awurade kaeɛ no Israel mpanimfoɔ no anim maa nsuo tue firii ɔbotan no mu. 7 Enti, Mose too beaeɛ edin Masa a aseɛ ne Sɔhwɛbea ne Meriba a aseɛ ne Akyinnyegyebea ɛfiri , ɛhɔ na Israelfoɔ ne Mose gyee akyinnyeɛ, sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ, bisaa , "Awurade bɛhwɛ yɛn so anaasɛ ɔrenhwɛ yɛn so?"

Israelfoɔ Di Amalekfoɔ So Nkonim

8 Afei, akofoɔ a wɔfiri Amalek17.8 Amalekfoɔ no yɛ Esau nana barima asefoɔ, na wɔto hyɛ afoforɔ so fom wɔn nneɛma wɔ anweatam no so. bɛto hyɛɛ Israelfoɔ no so Refidim ne wɔn koeɛ. 9 Mose ka kyerɛɛ Yosua , "Yi asraafoɔ ma yɛn na yɛne Amalekfoɔ nkɔko. Ɔkyena mɛgyina bepɔ no apampam a Onyankopɔn poma no kura me."

10 Enti, Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfoɔ akodɔm no ne wɔn koeɛ. Saa ɛberɛ no ara, Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔ no apampam pɛɛ. 11 Mmerɛ dodoɔ a Mose kura poma no mu kyerɛ soro na Israelfoɔ no redi nkonim na ɔbrɛ poma no ase a, na Amalekfoɔ no nso redi Israelfoɔ no so. 12 Mose brɛeɛ a na ɔntumi mma poma no so bio enti Aaron ne Hur piree ɛboɔ bi too ma ɔtenaa so. Wɔgyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa mmienu no so kɔsii owia kɔtɔeɛ. 13 Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfoɔ no so, kunkumm wɔn akofena ano.

14 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Twerɛ yei ma ɛnna afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua , mɛtɔre Amalekfoɔ nyinaa ase."

15 Mose sii afɔrebukyia na ɔtoo no edin Awurade Nissi a aseɛ ne Awurade ne mʼakofrankaa. 16 Mose kaa , "Ɛfiri wɔapagya wɔn nsa akyerɛ Awurade ahennwa enti, Awurade ne Amalekfoɔ bɛdi ako afiri awo ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so."

Veja também