Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 30:17-21

WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

17 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ. 18 "Fa kɔbere yɛ atam a ne nnyinasoɔ nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na fa nsuo gu mu. 19 Ɛhɔ na Aaron ne ne mmammarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho 20 ɛberɛ a wɔrekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ Awurade, anaasɛ nso wɔrekɔ akɔbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so ama Awurade no. Ɛberɛ biara a wɔrekɔdi saa dwuma yi no, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho; anyɛ saa a, wɔbɛwuwu. 21 Yei ne mmara a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmammarima firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so no."

Em outras traduções

  1. WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

    17 Awurade ka kyerɛɛ Mose se. 18 "Fa kɔbere yɛ hweaseammɔ a ne nnyinaso nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na fa nsu gu mu. 19 Ɛhɔ na Aaron ne ne mmabarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn anan ho 20 bere a wɔrekɔ Ahyiae Ntamadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ Awurade, anaasɛ wɔrekɔ akɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka no so ama Awurade no. Saa ara na bere biara a wɔrekodi saa dwuma yi no, 21 ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho na wɔanwuwu. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama Aaron ne nʼasefo, awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa."

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.