Publicidade

Êxodo 33

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Di saa nnipa a wode wɔn firi Misraim asase so no anim asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob no so, ɛfiri , mekaa , Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ.2 Mɛsoma ɔbɔfoɔ adi wʼanim na wapam Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. 3 Ɛyɛ asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene so. Na me ne mo rentu saa ɛkwan no ɛfiri , moyɛ asoɔden ne basabasayɛfoɔ. me ne mo a, anhwɛ a, mɛsɛe mo ɛkwan so."

4 Nnipa yi tee saa nsɛnhyeɛ yi, wɔtwaa agyaadwoɔ. Afei, wɔworɔworɔɔ wɔn ho nkawa ne ahyehyɛdeɛ nyinaa. 5 Awurade ka kyerɛɛ Mose ɔnka nkyerɛ wɔn , "Moyɛ nnipa basabasayɛfoɔ ne asoɔden. Na me ne mo tena bɛyɛ simma baako koraa mpo a, anka mɛtɔre mo ase. Monworɔworɔ mo nkawa ne agudeɛ a ɛhyehyɛ mo no nyinaa kɔsi ɛberɛ a mɛhunu deɛ mɛyɛ mo." 6 Yei akyi no, obiara worɔɔ nʼagudeɛ Bepɔ Horeb so.

7 Na Mose sii hyiabea ntomadan sraban no akyi a obiara a ɔpɛ ɔne Awurade di nkutaho no . Wɔtoo dan no edin "Ahyiaeɛ Ntomadan." 8 Ɛberɛ biara a Mose bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, nnipa no nyinaa sɔre bɛgyina wɔn ntomadan ano hwɛ no kɔsi ɔbɛduru ɛdan no ano. 9 Ɔrewura mu a, omununkum fadum bɛhyia no ɛkwan no ano na Awurade nam mu ne Mose akasa. 10 Na nnipa no nyinaa agyina wɔn ntomadan apono ano akoto asɔre omununkum fadum no. 11 Ɛdan no mu, na Awurade kasa kyerɛ Mose animu ne animu, sɛdeɛ obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na Mose sane nsraban no a, aberanteɛ a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no deɛ, ɔtena Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ara kɔsi Mose bɛsane aba.

12 Mose ka kyerɛɛ Awurade , "Daa woka kyerɛ me , Fa saa nnipa yi bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wose woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔeɛ bebree.13 Na saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me baabi a ɛyɛ wo mefa na ama mate wo aseɛ na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfiri saa ɔman yi wo nkurɔfoɔ."

14 Na Awurade buaa no , "Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim."

15 Nanso Mose kaa , "wo ne yɛn renkɔ deɛ a, mma yɛnntu yɛn nan mfiri ha. 16 wo ne yɛn ankɔ a, hwan na ɔbɛhunu me ne me nkurɔfoɔ anya wo adom a ama nsonsonoeɛ abɛda yɛn ne asase sofoɔ a aka no ntam?"

17 Awurade buaa Mose , "Ampa ara, mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo, ɛfiri , woanya ahummɔborɔ afiri me nkyɛn na woyɛ mʼadamfo."

18 Na Mose srɛɛ ɔpɛ ɔhunu Onyankopɔn animuonyam.

19 Awurade buaa , "Mɛma mo ahunu mʼadɔeɛ na mɛbɔ me din Awurade no akyerɛ mo. Deɛ mepɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ. 20 Nanso, morenhunu mʼanimuonyam, ɛfiri , obi bi renhunu mʼanim ntena nkwa mu.

21 "Nanso gyina ɔbotan yi so me nkyɛn ha. 22 Na mʼanimuonyam resene a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so kɔsi mɛtwam. 23 Afei, mɛyi me nsa na woahunu mʼakyi, na mʼanim deɛ, worenhunu."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-