Publicidade

Êxodo 34

Onyankopɔn Twerɛ Apam No Bio

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "aboɔ twerɛ apono mmienu te deɛ woyɛɛ kane no na mɛtwerɛ mmara korɔ no ara sɛdeɛ na ɛwɔ deɛ wobubuu mu no so ara ama wo. 2 Siesie wo ho na bra Sinai Bepɔ so anɔpa na fa wo ho bɛkyerɛ me. 3 Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ obiara bɛn bepɔ no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔ no."

4 Enti, Mose twaa twerɛ apono mmienu te kane deɛ no de kɔɔ Sinai Bepɔ so anɔpahema sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no. 5 Awurade siane baa omununkum fadum bɛgyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron Awurade no. 6 Awurade faa nʼanim frɛɛ no kaa , "Me, Awurade, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ a me bo kyɛre fu na mewɔ ɔdɔ na medi nokorɛ nso; 7 me Awurade, me nnipa mpempem na mede atirimuɔden, atuateɛ ne bɔne kyɛ. Metwe afɔdie aso na metwe Agyanom, mma ne mmanananom kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne ɛnan aso."

8 Mose kotoo Awurade somm no. 9 Ɔkaa , "ɛyɛ nokorɛ pa ara woagye me atom deɛ a, Ao Awurade, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi asoɔden deɛ, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn wo ara wo nnipa."

10 Awurade buaa , "Ɛyɛ, me ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Merebɛyɛ anwanwadeɛ bi a ebi nsii asase so da, na ɛnam so ama Israelfoɔ nyinaa ahunu tumi a Awurade . Menam wo so na mɛyɛ saa tumideɛ no. 11 Wo fam deɛ a wobɛyɛ ara ne , wobɛtie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na ɛba saa a, mɛpam Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no nyinaa afiri wʼanim. 12 Hwɛ wo ho so yie pa ara na wo ne ɔman a worekɔ mu no mufoɔ ampam, ɛfiri , woyɛ saa a, ɛbɛma wo nso woayɛ nnebɔne a wɔyɛ no bi. 13 Bubu wɔn abosonsom afɔrebukyia no. Sɛe wɔn aboɔ adum no na montutu wɔn abosom no ngu. 14 Na monnsom onyame foforɔ biara nka Awurade ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ mosom no.

15 "Wone onipa biara a ɔte asase no so nnyɛ asomdwoeɛ apam biara, ɛfiri , wɔnni me nokorɛ, na wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn anyame de tia me. wo ne wɔn fa yɔnko a, wɔbɛto nsa afrɛ wo ma yɛnkɔsom yɛn anyame na anhwɛ yie a, wobɛkɔ. 16 Afei, ɛyɛ saa a, mobɛgye wɔn mmammaa aware ama mo mmammarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me.

17 "Monnsom ahoni biara.

18 "mmɔden wɔbɛdi Apiti Afahyɛ no nnanson sɛdeɛ meka kyerɛɛ wo no. Di no afe biara mu ɔbosome Abib (Yudafoɔ bosome a ɛdi ɛkan) mu. Saa bosome no mu na motu firii Misraim.

19 "Abakan biara me dea, ɛyɛ nantwie, odwan anaa abirekyie. 20 Afunumu ba a ɔyɛ abakan deɛ, wɔmfa no nsesa odwammaa. Na wompɛ wode no di nsesa deɛ a, bu ne kɔn mu. Mo mmammarima deɛ, monsesa wɔn nyinaa.

"Obiara mma mʼanim a ɔnkura akyɛdeɛ bi.

21 "Nnansia na momfa nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, monnni dwuma biara. Ofuntumberɛ anaa otwaberɛ mpo, momfa nna nsia nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no, monhome.

22 "Monkae na monni saa afahyɛ mmiɛnsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Yeinom ne: Otwaberɛ Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atokoɔ a ɛdi ɛkan Afahyɛ ne Otwa Afahyɛ. 23 Saa afahyɛ mmiɛnsa yi mu biara duru so a, ɛsɛ Israelfoɔ mmarima ne mmarimaa nyinaa ba Awurade wo Onyankopɔn anim. 24 mokɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni a ɔbɛtoa mo abɛdi mo asase no so. Mɛpam saa aman no mo anim na matrɛ mo ahyeɛ mu.

25 "Mommfa burodo a mmɔreka mu mmɔ me afɔdeɛ. Na Twam Afahyɛ ɛnam no nso, mommfa bi nsi mma adeɛ nkye so.

26 "motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma Awurade mo Onyankopɔn.

"Nnoa abirekyie ba ne maame nufosuo mu."

27 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Twerɛ saa mmara a mede ama wo yi nyinaa gu , ɛfiri , ɛgyina ma me ne wo ne Israel apam." 28 Mose ne Awurade de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkutaho bepɔ no so, na saa ɛberɛ no, Mose annidi annom. Saa ɛberɛ no, Onyankopɔn twerɛɛ Mmaransɛm Edu no guu ɛboɔ twerɛpono so.

29 Ɛberɛ a Mose de twerɛ apono no fi Onyankopɔn nkyɛn resiane bepɔ no, na ɔnnim nʼanim rehyerɛn. 30 Esiane nʼanim hyerɛn a na ɛhyerɛn no enti, Aaron ne Israelfoɔ no hunuu Mose no, wɔsuroeɛ wɔbɛbɛn no. 31 Nanso, Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofoɔ ne no bɛkasaeɛ. 32 Akyire no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔde mmaransɛm a Awurade de maa no bepɔ no so no maa wɔn.

33 Mose ne wɔn kasa wieeɛ no, ɔde nkatanimu kataa nʼanim, 34 na ɛberɛ biara a ɔbɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu ne Awurade akɔkasa no, ɔyi nkatanimu no kɔsi ɔbɛsane aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso aka akyerɛ nnipa no 35 a wɔhunu nʼanim ayɛ hyerɛn. Akyire no, ɔde nkatanimu no kata nʼanim bio kɔsi ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-