Pular para o conteúdo
Publicidade

Atemmufoɔ 13

6 Ɔbaa no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ , "Onyankopɔn onipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte Onyankopɔn abɔfoɔ no mu baako a ne ho hu yie. Mammisa no baabi a ɔfiri baeɛ, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me. 7 Nanso, ɔka kyerɛɛ me , Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsã a ano den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwadeɛ. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi ama Onyankopɔn Nasareni firi awoɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɔbɛwu.’ "

8 Na Manoa bɔɔ Awurade mpaeɛ , "Ao Awurade, mesrɛ wo, ma Onyankopɔn onipa no nsane mmra yɛn nkyɛn na ɔmmɛkyerɛ yɛn nhyehyɛeɛ a ɛfa abarimaa a yɛbɛwo noɔ no ho."

Veja também