Pular para o conteúdo
Publicidade

Juízes 6

Gideon Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

1 Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfoɔ6.1 Midianfoɔ yɛ Abraham ne Ketura asefoɔ (1 Mose 25.2). nsa mfeɛ nson. 2 Esiane na Midianfoɔ no atirimuɔdenfoɔ enti, Israelfoɔ no dwane kɔɔ mmepɔ so kɔpɛɛ ahintaeɛ abodan ne atu mu. 3 Ɛberɛ biara a Israelfoɔ duaa wɔn nnɔbaeɛ no, Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa a wɔte apueeɛ fam no kɔto hyɛ wɔn so. 4 Wɔbɛyɛ atenaeɛ wɔn asase no so sɛe mfudeɛ no firi Gasa a wɔnnya Israelfoɔ aduane biribiara. Wɔfa nnwan, anantwie ne mfunumu. 5 Saa atamfoɔ dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntomadan foro ba te ntutummɛ. Wɔtete nyoma a wɔntumi nkane wɔn dodoɔ so na wɔba. Na wɔtena asase no so kɔsi ɛso nneɛma nyinaa bɛsa. 6 Enti Midianfoɔ no maa ɛkɔm baa Israel. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.

7 Ɛberɛ a Midianfoɔ enti, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no, 8 Awurade somaa odiyifoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkaa , "Asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn, ka nie: Meyii mo firii Misraim nkoasom mu 9 Meyii mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔhyɛ mo so nyinaa ase. Mepamoo mo atamfoɔ de wɔn asase maa mo. 10 Meka kyerɛɛ mo , Mene Awurade, mo Onyankopɔn. Monnsom Amorifoɔ a mote wɔn asase so no anyame.Nanso moantie me."

11 Na Awurade ɔbɔfoɔ bɛtenaa odupɔn a ɛsi Ofra a ɛyɛ Yoas a ɔfiri Abieser abusua mu dea no ase. Na Yoas babarima Gideon reporo ayuo nsakyiamena ase ɔde resie Midianfoɔ no. 12 Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Gideon, kaa , "Dɔmmarima, Awurade ka wo ho."

13 Gideon buaa , "Owura, Awurade ka yɛn ho a, adɛn enti na saa nsɛm yi nyinaa aba yɛn so? Na anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso he? Wɔanka , Awurade yii yɛn firii Misraim anaa?Nanso, seesei deɛ, Awurade agyaa yɛn de yɛn ahyɛ Midianfoɔ nsam."

14 Na Awurade danee ne ho ka kyerɛɛ no , "Fa ahoɔden a wowɔ no na kɔgye Israelfoɔ firi Midianfoɔ no nsam. Me na meresoma wo."

15 Gideon buaa , "Na Awurade, mɛyɛ dɛn magye Israelfoɔ? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛ koraa Manase abusuakuo mu na me na mesua koraa me fiefoɔ nyinaa mu."

16 Awurade ka kyerɛɛ no , "Mɛka wo ho. Wobɛsɛe Midianfoɔ no sɛdeɛ woresɛe onipa fua."

17 Gideon buaa , "wobɛboa me ampa ara deɛ a, nsɛnkyerɛnneɛ bi ma menhunu , nokorɛm, ɛyɛ wo Awurade na worekasa kyerɛ me yi. 18 Nkɔ, kɔsi mɛsane mʼakyi aba de mʼafɔrebɔdeɛ abrɛ wo."

Awurade buaa , "Mɛtena ha atwɛn kɔsi wobɛba."

19 Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ efie. Ɔkɔsiesie abirekyie ba, too burodo asikyiresiam lita aduonu mmienu a mmɔreka nni mu. Afei, ɔsoaa ɛnam no kɛntɛn mu a nkwan no nso ɛsɛn bi mu de baeɛ. Ɔde brɛɛ ɔbɔfoɔ no odupɔn no ase.

20 Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no , "Fa ɛnam no ne burodo a ɛnkaeɛ no gu ɔbotan yi so na hwie nkwan no gu so." Na Gideon yɛɛ deɛ ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ no ɔnyɛ no. 21 Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no de poma a ɛkura no no kaa ɛnam ne burodo no, na ogya pue firii ɔbotan no mu hyee deɛ ɔde baeɛ no nyinaa. Na ɔbɔfoɔ no yeraeɛ.

22 Ɛberɛ a Gideon hunuu ɛyɛ Awurade ɔbɔfoɔ no, ɔteaam , "Asafo Awurade, mahunu Awurade ɔbɔfoɔ animu ne animu."

23 Awurade buaa , "Nsuro na worenwu." 24 Na Gideon sii afɔrebukyia maa Awurade na ɔtoo no edin "Awurade Asomdwoeɛ." Afɔrebukyia no da so Ofra a ɛyɛ Abieserfoɔ abusua asase so de bɛsi ɛnnɛ.

25 Anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Gideon , "Kyere nantwinini ɔdi mu, ɔtɔ so mmienu na wadi mfeɛ nson firi wʼagya anantwie mu. Dwiri wʼagya afɔrebukyia a ɔsi maa Baal no, na twa Asera dua a ɛsi nkyɛn no. 26 Afei, si afɔrebukyia bepɔ yi so ma Awurade, wo Onyankopɔn. Hyehyɛ afɔrebukyia aboɔ no yie. Fa nantwinini ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no so. Fa Asera dua a wotwaeɛ no yensin egya."

27 Enti, Gideon faa nʼasomfoɔ edu de wɔn yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ noɔ no. Nanso, ɔyɛɛ no anadwo, ɛfiri , na ɔsuro nʼagya fiefoɔ ne kuro mma no. Na ɔnim deɛ ɛbɛsie, wɔhunu onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ no a.

28 Adeɛ kyee anɔpahema a kuro no mu nnipa hyɛɛ aseɛ nyanenyaneeɛ no, obi hunuu wɔadwiri Baal afɔrebukyia no agu, na Asera dua a ɛsi ho no nso, wɔatwa atwene na wɔasi afɔrebukyia foforɔ asi ananmu. Na wɔhunuu afɔrebɔdeɛ bi nkaeɛ so.

29 Ɔmanfoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Hwan na ɔyɛɛ yei?" Wɔbisabisa, too wɔn bo ase feefee mu no, wɔhunuu Yoas babarima Gideon na ɔyɛɛ saa.

30 Ɔmanfoɔ no teaam guu Yoas so , "Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔrebukyia ne twa a ɔtwaa Asera dua no enti, ɛsɛ ɔwuo."

31 Nanso, Yoas teaam guu nnipakuo no so , "Adɛn enti na mogye Baal ti? Mobɛtumi aka nʼasɛm ama no anaa? Obiara a ɔbɛgye ne ti no, wɔbɛkum no ansa na adeɛ akye. Baal onyame bi ampa ara a ɔno ara nni mma ne ho na ɔnkum deɛ ɔdwirii nʼafɔrebukyia no!" 32 Ɛfiri saa ɛberɛ no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerubaal a asekyerɛ ne "Baal nni mma ne ne ho," ɛfiri , ɔno ara na ɔdwirii Baal afɔrebukyia no guiɛ.

33 Afei, Midianfoɔ nyinaa, Amalekfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔfifiri apueeɛ fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wɔtwaa Yordan, kɔbɔɔ atenaeɛ Yesreel bɔnhwa mu. 34 Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ totorobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wɔfiri Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn. 35 Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Manase, Aser, Sebulon ne Naftali nyinaa mu kɔfrɛɛ wɔn akodɔm, na wɔn nyinaa penee so.

36 Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn , "wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ no a, 37 fa saa ɛkwan yi so kyerɛ me, mede odwannwi bɛkata ayuporobea anadwo yi. obosuo odwannwi no, na ɛhɔ amfɔ a, na mahunu ampa ara, wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ ho no." 38 Na saa na ɛbaeɛ. Gideon sɔree adekyeeɛ kyii odwannwi no mu nyaa nsuo adeɛ ma.

39 Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn , "Mma wo bo mfu me. Ma memmisa adeɛ baako. Ma memfa odwannwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa ɛberɛ yi deɛ, ma odwannwi no nyɛ wesee na baabi a ɛda no nyinaa mfɔ." 40 Anadwo no, Onyankopɔn yɛɛ sɛdeɛ Gideon bisaeɛ no. Anɔpa no odwannwi yɛɛ wesee a na obosuo afɔ fam nyinaa.

Veja também