Pular para o conteúdo
Publicidade

Oséias 11

Onyankopɔn A Ɔdɔ Israel

1 "Ɛberɛ a Israel abɔfra no, na me no,

na Misraim na mefrɛɛ me babarima firiiɛ.

2 Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no,

saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn.

Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni,

na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ.

3 Me na megyegyee Efraim taataa,

meturu no mʼabasa so;

nanso, wɔnkae

me na mesaa wɔn yadeɛ.

4 Mede ayamyɛ ahoma

ne ɔdɔ dii wɔn anim;

meyii kɔnnua no firii wɔn kɔn mu

na mekoto maa wɔn aduane diiɛ.

5 "Wɔbɛsane akɔ Misraim,

na Asiria adi wɔn so,

ɛsiane wɔannu wɔn ho enti.

6 Akofena bɛdi ahim wɔn kuropɔn mu

na ɛbɛsɛe wɔn apono akyi adaban

na wɔn nhyehyɛeɛ to bɛtwa.

7 Me nkurɔfoɔ asi no pi wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn.

wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo a

ɔrempagya wɔn ɛkwan biara so.

8 "Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim?

Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel?

Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo Adma?

Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo Seboim?

Mʼakoma asesa me mu;

na mʼahummɔborɔ ahwanyane.

9 Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ,

ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso.

Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa.

Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu.

Meremma abufuo mu.

10 Wɔbɛdi Awurade akyi.

Ɔbɛbobɔ mu te gyata.

Na ɔbobɔm a,

ne mma de ahopopoɔ bɛfiri atɔeɛ aba.

11 Wɔde ahopopoɔ bɛba

te nnomaa a wɔfiri Misraim

te mmorɔnoma a wɔfiri Asiria.

Mɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔn afie mu,"

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Israel Bɔne

12 Efraim de atorɔ atwa me ho ahyia,

Israel efie nso wɔde nnaadaa.

Yuda abɔ Onyankopɔn so ko

mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafoɔ no.

Veja também