Publicidade

Oséias 13

Awurade Abufuo A Ɛtia Israel

1 Efraim kasa a, na nnipa ho popo;

wɔpagyaa no Israelman mu.

Nanso Baalsom enti, ɔnyaa afɔbuo na ɔwuiɛ.

2 Afei, wɔkɔ so bɔne ara;

wɔde wɔn dwetɛ ahoni ma wɔn ho,

nsɛsodeɛ no nyinaa no.

Adwumfoɔ no nam nyansakwan so na ayeyɛ.

Wɔka nnipa yi ho asɛm ,

"Wɔde nnipa afɔdeɛ

na wɔfe anantwie mma ahoni ano."

3 Ɛno enti, wɔbɛyɛ anɔpa omununkum

anɔpa bosuo a ɛtu yera,

ntɛtɛ a ehu firi ayuporobea

wisie a ɛfa mpoma mu .

4 "Nanso mene Awurade wo Onyankopɔn,

a meyii wo firii Misraim.

Nnye Onyankopɔn biara nto mu me,

anaa Ɔgyefoɔ biara me.

5 Mehwɛɛ wo anweatam so,

asase a ɛso hye yie no so.

6 Memaa wɔn aduane no, wɔdi meeɛ;

wɔmeeɛ no, wɔyɛɛ ahantan;

na wɔn werɛ firii me.

7 Enti, mɛto ahyɛ wɔn so gyata,

mɛtɛ wɔn akwan ho ɔsebɔ.

8 Mɛto ahyɛ wɔn so na matete wɔn mu

te sisire bi a wɔawia ne mma.

Mɛwe wɔn te gyata;

wiram aboa bɛsunsuan wɔn mu.

9 "Wɔasɛe wo, Ao Israel,

ɛfiri woasɔre atia me,

me a meyɛ wo ɔboafoɔ.

10 Wo ɔhene a ɔbɛgye wo no he?

Wo sodifoɔ a wɔwɔ wo nkuro so he,

wɔn a wokaa wɔn ho ,

Ma me ɔhene ne ahenemmano?

11 Enti mʼabufuo mu, memaa wo ɔhene,

na mʼanibereɛ mu no, meyii no .

12 Efraim afɔdie no wɔaboaboa ano

wɔatwerɛ ne bɔne agu .

13 Ɔbɛte ɔyea te ɔbaa a ɔreko awoɔ,

na abɔfra no nnim nyansa nti;

berɛ no duru a,

ɔmma awotwaa no ano.

14 "Mɛpata agye wɔn afiri damena tumi mu.

Mɛgye wɔn afiri owuo nsam.

Owuo wo nwowɔeɛ he?

Asaman wo sɛeɛ he?

"Merennya ayamhyehyeɛ,

15 mpo ɔyɛ yie ne nuanom mu a.

Apueeɛ mframa a ɛfiri Awurade bɛba,

ɛbɛbɔ afiri anweatam so;

osuo rentɔ osutɔberɛ

na nʼabura bɛwe.

Wɔbɛfom nʼakoradan mu nneɛma

deɛ ɛsom bo no nyinaa.

16 Ɛsɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdie to mu,

ɛfiri wɔayɛ ɛdɔm atia wɔn Onyankopɔn.

Wɔbɛtotɔ akofena ano;

wɔbɛtoto wɔn mmɔfra ahwehwe fam,

wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-