Publicidade

Alimento

Por Bíblia Online

O alimento é provisão de Deus para o corpo e a alma. Jesus disse: Eu sou o pão da vida. A Bíblia ensina a receber com gratidão, partilhar com generosidade e confiar no Provedor.

O pão da vida

Jesus disse: Eu sou o pão da vida. Quem vem a mim nunca terá fome. O alimento espiritual sacia plenamente.

Yesu kaa , "Mene burodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no, ɛkɔm anaa osukɔm renne no da.

Monnsɛe mo berɛ nyinaa mmpere nhwehwɛ aduane a ɛtumi sɛe no akyiri kwan, na mmom, mompere nhwehwɛ aduane a ɛtena daa a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ a Onipa Ba no de bɛma mo no akyiri kwan. Ɛfiri , yei enti na mʼAgya somaa me."

Yesu buaa no , "Wɔatwerɛ , Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Onyankopɔn asɛm.’ "

Nhyira ne wɔn a wɔn ne wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn deɛ ɛhia wɔn.

Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie ne ne tenenee kane, na ɔde deɛ ɛhia mo nyinaa bɛka mo ho.

"Yei enti na metu mo fo , monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom anaa deɛ mobɛfira ho. Mowɔ ɔkra ne onipadua a ɛsom bo sene deɛ mobɛdi, deɛ mobɛnom ne deɛ mobɛfira.

Monyɛ nkɔkoaa a ɛberɛ biara sukɔm de mo, mobɛnya honhom mu nufosuo kronn anom, na monom a moanyini na wɔagye mo nkwa.

Provisão divina

Deus provê alimento em abundância. Ele multiplica pães e peixes, enche os famintos e supre toda necessidade.

Afei, Yesu faa burodo enum no ne mpataa mmienu no na ɔhwɛɛ soro, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no wɔnkyɛ mma nnipa no. Obiara didi meeɛ. Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.

Ɔma wɔn a sukɔm de wɔn nsuo

na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma.

Momfa ntotosoɔ dudu no nyinaa mmra adekoradan). Ɔsoro mpommaƐkyerɛ asetena mu nhyira bebree. (2 Ah 7.2,19; Nnw 78.23-24). MɛhwienhyiraNhyira apam a mahyɛ ho no (5 Mose 28.12; Yes 44.3). no mu, na aduane mmra me fie. Monsɔ me nhwɛ saa ɛkwan yi so, na monhwɛ meremmue ɔsoro mpomma na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a morennya baabi nkora ne nyinaa mpo." Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Na Onyankopɔn a ɔma ogufoɔ no aba ne burodo aduane die no bɛma wo nso aba a ɛhia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyini na wʼadɔeɛ no enti, aso bebree.

Ɔyamyɛfoɔ bɛkɔ so anya ne ho;

na deɛ ɔma ebinom mee no nso bɛmee.

Abodwosɛm te ɛwokyɛm

ɛyɛ ɔkra , na ɛsa nnompe yadeɛ.

Na Nehemia toaa so , "Momfa nnuane pa ne anonneɛ a ɛyɛ nkɔdi afahyɛ no na mo ne wɔn a wɔnni nnuane pa a wɔanoa no nnidi. Ɛnnɛ da kronkron Awurade anim. Monnni abooboo ne awerɛhoɔ, na Awurade mu anigyeɛ no ahoɔden."

Gratidão e moderação

Nada trouxemos para o mundo e nada levaremos. Tudo o que fizerdes, fazei para a glória de Deus — inclusive comer e beber.

Yɛamfa hwee amma ewiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ. Ɛno enti, yɛwɔ aduane ne ntoma a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn.

Biribiara a mobɛyɛ no, moredidi o, morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

Daa na wɔbɔ mu hyia asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa mu didi wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam nnipa anim. Ɛda biara na Awurade de wɔn a ɔgye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.

Tie! Megyina ɛpono no akyi rebɔ mu; obi te me nne na ɔbue ɛpono no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.

Ɛnsɛ deɛ ɔdi biribiara no bu deɛ ɔnni biribiara no animtia; saa ara nso na ɛnsɛ obi a ɔdi afuomduane nko ara no bu deɛ ɔdi biribiara no atɛn; ɛfiri , Onyankopɔn agye no.

Enti, mommma obiara nnhyehyɛ mmara a ɛfa deɛ modi anaa monom, deɛ ɛfa nna kronkron anaa deɛ ɛfa asrane foforɔ afahyɛ anaa deɛ ɛfa home nna ho mmma mo. Saa nneɛma no nyinaa nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ a ɛbɛba no. Kristo ne nokorɛ no.

Nokorɛm, ɔmaa ɛkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase, ɛnna ɔmaa mo mana, aduane a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo , ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Awurade asɛm.

Nsuomnam a wɔwɔ tɛtɛ ne abon nyinaa motumi we. Nanso, nsuomnam a wɔnni tɛtɛ ne abon deɛ, monnwe. Wɔn ho nte mma mo.

Afei, Onyankopɔn kaa , "Mede asase so afifideɛ a ɛso aba nyinaa, afifideɛ biara a aba hyɛ ne nnuaba mu asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduane.

Biribiara a nkwa mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduane. Sɛdeɛ mede nhahammono hyɛɛ mo nsa no, afei deɛ, mede biribiara ma mo.

"Nanso, ɛnsɛ mowe aboa a wɔntwaa ne mene mmaa ne mogya no nguiɛ no ɛnam.

Manni aduane pa biara. Ɛnam anaa nsã biara anka mʼano, na mamfa sradehwam ansra kɔsii nnawɔtwe mmiɛnsa no awieeɛ.

Seja o primeiro
Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-