Publicidade

Gênesis 9

Apam A Onyankopɔn Ne Noa Yɛeɛ

1 Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmammarima no ka kyerɛɛ wɔn , "Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma. 2 Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne abɔdeɛ biara a wɔnam asase so ne nsuo mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa. 3 Biribiara a nkwa mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduane. Sɛdeɛ mede nhahammono hyɛɛ mo nsa no, afei deɛ, mede biribiara ma mo.

4 "Nanso, ɛnsɛ mowe aboa a wɔntwaa ne mene mmaa ne mogya no nguiɛ no ɛnam. 5 Wo nkwa deɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, mɛbisa ho akontabuo. Onipa a ɔkum ne yɔnko onipa no, mɛbisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a ɔbɛkum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mɛbisa onipa kra ho asɛm.

6 "Obiara a ɔhwie onipa mogya guo no,

onipa so na wɔnam bɛhwie ɔno nso mogya aguo,

ɛfiri , Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa.

7 Mo deɛ, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe asase so, na monnɔɔso."

8 Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmammarima a wɔka ne ho no , 9 "Ɛnnɛ, me ne mo ne mo asefoɔ a wɔbɛwo wɔn no 10 ne abɔdeɛ biara a nkwa mu a na wɔwɔ mo nkyɛn adaka no mu apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wiram mmoa a wɔne mo firi adaka no mu no baeɛ nyinaa, ne abɔdeɛ biara a nkwa mu a wɔwɔ asase so. 11 Me ne mo mʼapam : Meremfa nsuyire nsɛe abɔdeɛ biara a nkwa mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyire nsɛe asase bio da."

12 Na Onyankopɔn kaa , "Yei ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔdeɛ a nkwa mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ. 13 Mato me nyankontɔn omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam. 14 Ɛberɛ biara a mede omununkum bɛba asase ani, na nyankontɔn pue omununkum no mu a, 15 mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔdeɛ a nkwa mu ahodoɔ no nyinaa ntam. Nsuyire a ɛbɛsɛe abɔdeɛ a nkwa mu no nyinaa remma da biara da bio. 16 Ɛberɛ biara a nyankontɔn bɛto omununkum mu no, mɛhunu, na makae apam a ɛwɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔdeɛ a nkwa mu ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ asase yi so ntam no."

17 Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa , "Yei ne apam a me ne abɔdeɛ biara a nkwa mu a, wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ."

Noa Mmammarima

18 Yeinom ne Noa mmammarima a wɔfiri adaka no mu baeɛ: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan. 19 Yeinom ne Noa mmammarima. Wɔn mu na nnipa a, wɔahwete asase so nyinaa firi baeɛ.

20 Noa okuafoɔ a ɔdii ɛkan. Ɔyɛɛ bobefuo. 21 Ɛda bi, ɔnom bobesa no bi boroeɛ, ma ɔdaa ne ntomadan mu adagya. 22 Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa ɔda adagya. Ɔfirii no, ɔkɔbɔɔ ne nuammarima baanu no amaneɛ. 23 Enti, Sem ne Yafet faa atadeɛ de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyire de kɔkataa wɔn agya adagya so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya enti, wɔanhunu nʼadagya mu.

24 Ɛberɛ a Noa ani so tetee no, na ɔhunuu deɛ ne kaakyire no ayɛ no, 25 ɔkaa ,

"Nnome nka Ham asefoɔ a wɔyɛ Kanaanfoɔ.

Wɔbɛyɛ wɔn nuanom

mu nkoa mu nkoa."

26 Noa kaa bio ,

"Me nhyira a ɛfiri Awurade, me Onyankopɔn, nkyɛn no nka Sem!

Kanaan nyɛ Sem akoa.

27 Onyankopɔn ntrɛ Yafet ase ne nʼasase mu.

Yafet ntena Sem ntomadan mu,

na Kanaan nyɛ nʼakoa."

28 Nsuyire no akyiri no, Noa tenaa ase mfeɛ ahasa ne aduonum. 29 Noa dii mfeɛ aha nkron ne aduonum, ansa na ɔrewu.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-