Publicidade

Gênesis 1

Adebɔ Ahyɛaseɛ

1 Ahyɛaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. 2 Na asase sakasaka ne hunu. Na esum kata nsubunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani.

3 Onyankopɔn hyɛɛ , ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann. 4 Onyankopɔn hunuu hann no enti, ɔtee hann no firii esum no ho. 5 Onyankopɔn frɛɛ hann no adekyeeɛ, na esum no nso adesaeɛ. Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ, ɛda a ɛdi ɛkan no no.

6 Onyankopɔn kaa , "Nkyɛmu mmra nsuo no ntam, na ɛnkyekyɛ nsuo no mu." 7 Enti, Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no de kyekyɛɛ nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no ase firii nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa. 8 Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no edin ewiem. Na esum duruiɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ; yei ne ɛda a ɛtɔ so mmienu.

9 Na Onyankopɔn kaa , "Nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa faako, na asase kesee nna ne ho adi." Na ɛyɛɛ saa. 10 Onyankopɔn too beaeɛ kesee no edin asase. Ɛnna nsuo a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no edin ɛpo. Onyankopɔn hunuu ɛyɛ.

11 Afei, Onyankopɔn kaa , "Afifideɛ mfifiri asase so; afifideɛ a ɛso aba, nnuaba ahodoɔ a ɛso aba ne deɛ, nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifiri asase so." Na ɛyɛɛ saa. 12 Afifideɛ a ɛso aba ne nnua fifirii asase so na nʼaba no nyini yɛɛ nnua ne afifideɛ ne sɛso. Onyankopɔn hunuu , ɛyɛ. 13 Na adeɛ saeɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ. Yei ne ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa.

14 Na Onyankopɔn kaa , "Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no mu mmɛpae adekyeeɛ ne adesaeɛ mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinasoɔ mma ɛberɛ nkyekyɛmu, nna ne mfeɛ 15 na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no mu, na ahyerɛn asase so." Na ɛyɛɛ saa. 16 Onyankopɔn yɛɛ nkanea akɛseɛ mmienu a ɛyɛ owia ne ɔbosome , owia no nni adekyeeɛ so na ɔbosome no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso. 17 Onyankopɔn de nkanea akɛseɛ mmienu yi sii nkyɛmu ewiem no mu , ɛnhyerɛn asase so, 18 na wɔnni adekyeeɛ ne adesaeɛ no so, na ɛnte hann no mfiri esum no ho. Na Onyankopɔn hunuu , ɛyɛ. 19 Na adeɛ saeɛ, ɛnna adeɛ kyeeɛ. Ɛda a ɛtɔ so ɛnan ne no.

20 Onyankopɔn kaa , "Abɔdeɛ a nkwa mu nhyɛ nsuo no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no so." 21 Enti, Onyankopɔn bɔɔ ɛpo mu mmoa akɛseɛ ne mmoa ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahodoɔ nyinaa. Na Onyankopɔn hunuu ɛyɛ. 22 Onyankopɔn hyiraa abɔdeɛ no nyinaa so, ɛnna ɔkaa , "Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ ɛpo no ma, na nnomaa ase ntrɛ asase so." 23 Na adeɛ saeɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ. Ɛda a, ɛtɔ so enum ne no.

24 Onyankopɔn kaa , "Abɔdeɛ a nkwa mu ahodoɔ nyinaa ne wɔn sɛso, anantwie ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahodoɔ a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so." Na ɛyɛɛ saa. 25 Onyankopɔn bɔɔ mmoa ahodoɔ, anantwie ahodoɔ ne wɔn sɛso ne mmoa a, wɔwea wɔn afuru so ne wɔn sɛso. Na Onyankopɔn hunuu , ɛyɛ.

26 Onyankopɔn kaa , "Momma yɛmmɔ onipa yɛn sɛso, na ɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, anantwie ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so asase so."

27 Enti, Onyankopɔn bɔɔ onipa ne sɛso;

Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn;

ɔbaa ne ɔbarima na ɔbɔɔ wɔn.

28 Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn , "Monwo na monyɛ asase so ma, na monni biribiara so. Monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne abɔdeɛ biara a, nkwa mu a, ɛwɔ asase so no nyinaa so."

29 Afei, Onyankopɔn kaa , "Mede asase so afifideɛ a ɛso aba nyinaa, afifideɛ biara a aba hyɛ ne nnuaba mu asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduane. 30 Mede nhahammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ ewiem, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa mu asase so wɔn aduane." Na ɛyɛɛ saa.

31 Onyankopɔn hwɛɛ deɛ wayɛ nyinaa hunuu ɛyɛ papa. Na adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ. Yei ne ɛda a ɛtɔ so nsia.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-