6 Enti ɔhene Yoram fii Samaria boaboaa Israel asraafo ano. 7 Ɔde nkra kɔmaa Yudahene Yehosafat se, "Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako ana?"
Na Yehosafat buae se, "Me ne wo bɛkɔ. Wo ne me yɛ anuanom, me nkurɔfo yɛ wo nkurɔfo, mʼapɔnkɔ yɛ wʼapɔnkɔ."