Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Reis 4

Elisa Boa Ɔbea Kunafo No

1 Da bi, Elisa mfɛfo adiyifo no mu baako kunafo baa ne nkyɛn, besu kyerɛɛ no se, "Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wunim sɛnea na osuro Awurade. Nanso mprempren obi a mede no ka aba rehunahuna se, ɔbɛfa me mmabarima baanu nkoa."

2 Elisa bisaa no se, "Dɛn na metumi ayɛ de aboa wo? Kyerɛ me nneɛma a wowɔ fie." Obuae se, "Minni hwee ngo ahina baako."

3 Elisa ka kyerɛɛ no "Kɔfɛm nhina dodow biara a wubenya afi wo nnamfonom ne wo mfɛfo nkyɛn. 4 Afei, fa wo mmabarima no wo fi, na to pon mu. Hwie ngo no fi wʼahina no mu, gugu nhina no mu. Nea ɛbɛyɛ ma biara, yi si nkyɛn."

5 Enti ɔyɛɛ saa. Ne mmabarima no de nhina bebree brɛɛ no, ma ɔhyehyɛɛ no amaama. 6 Ankyɛ na emu biara yɛɛ ma tɛnn. Ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no mu baako se, "Brɛ me ahina foforo."

Ɔka kyerɛɛ no se, "Ebi nni bio." Na afei ngo no a ɔrehwie no sae.

7 Bere a ɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no, ɔka kyerɛɛ no se, "Afei, tɔn ngo no, na fa tua wʼaka, na sika no bi bɛka ama wode ahwɛ wo ho ne wo mmabarima no."

Veja também