32 Bere a Elisa duu hɔ no, ampa na abofra no awu da odiyifo no mpa so. 33 Ɔno nko kɔɔ hɔ, too ne ho pon mu, bɔɔ Awurade mpae. 34 Afei, obutuw abofra no so, de nʼano tuaa abofra no ano, de nʼani fam abofra no ani, de ne nsa susoo abofra no nsa. Afei, abofra no ho fitii ase yɛɛ hyew bio. 35 Elisa sɔre, dii akɔneaba wɔ ɔdan no mu kakra. Afei, ɔdaa abofra no so bio. Saa bere no, abofra no nwansii mpɛn ason, na ɔtew nʼani.