Abonnuati A Ɛtɛn Nsu Ani
1 Da bi, adiyifo kuw baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Sɛnea wo ara wuhu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua. 2 Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree wɔ hɔ. Ɛhɔ de, yebetumi asi ɔdan foforo, ahyia mu wɔ hɔ."
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Eye, monkɔyɛ."
3 Obi kaa nʼadwene se, "Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ."
Ɔkae se, "Mate yɛbɛkɔ."
4 Bere a woduu Yordan ho no, wofii ase buu nnua. 5 Nanso wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ asu no mu. Ɔteɛɛ mu se, "O me wura! Ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛe!"
6 Onyankopɔn nipa no bisae se, "Ɛhefa na ɛtɔe?" Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa pema, na ɔtow kyenee asu no mu. Ɛhɔ ara abonnua ti no pagyaw ne ho, bɛtɛn asu no ani. 7 Elisa ka kyerɛɛ no se, "Ma so yi." Na ɔbarima no teɛɛ ne nsa yii.