Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 18

Bildad Mmuae A Ɛto So Abien

1 Na Suhini Bildad buae se,

2 "Bere bɛn na wubegyae kasa tenten yi?

Dwene ho yiye, na afei yebetumi akasa.

3 Adɛn nti na wofa yɛn anantwi

na wususuw yennim nyansa yi?

4 Wo a wode abufuw tetew wo mu nketenkete,

wo nti na yemfi asase so

anaasɛ wonnwiriw abotan mfi wɔn sibea ana?

5 "Omumɔyɛfo kanea adum;

na ne gya nnɛw bio.

6 Hann a ɛwɔ ne ntamadan mu duru sum;

kanea a esi ne ho no dum.

7 Nʼanammɔntu mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase;

nʼankasa nhyehyɛe hwe no ase.

8 Nʼanammɔn de no afiri mu,

na okyinkyin kɔtɔ ne tan mu.

9 Afiri so ne nantin

na eso ne mu dennen.

10 Wɔasum no afiri ahintaw fam;

afiri ne kwan mu.

11 Ahunahuna ma ɔbɔ huboa ne ho nyinaa

na ɛhaw no nʼanammɔntu biara mu.

12 Atoyerɛnkyɛm kɔn no;

na ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.

13 Ɛwewe ne honam ani baabi;

na owu di kan sɛe nʼakwaa.

14 Wɔtwe no fi ne ntamadan bammɔ mu

na wɔde no brɛ ahunahunahene.

15 Ogya te ne ntamadan mu;

na wɔabɔ sufre a ɛredɛw apete nʼatenae.

16 Ne ntin wuwu ase

na ne mman nso wu soro.

17 Wɔnnkae no asase so bio;

na onni din asase so.

18 Wɔka no fi hann mu sum mu

na wɔpam no fi wiase.

19 Onni mma anaa nananom ne nkurɔfo mu,

na nʼaseni biara renka baabi a ɔtenae.

20 Nnipa a wofi atɔe fam ho adwiriw wɔn nea ato no no ho;

na aninyanne bunkam wɔn a wɔwɔ apuei fam no so.

21 Ampa ara, sɛɛ na omumɔyɛfo atenae te;

sɛɛ ne beae a nea onnim Onyankopɔn no te."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também