Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 27

1 Hiob toaa nʼasɛm so se,

2 "Onyankopɔn te ase yi, nea wammu me atɛntrenee no,

Otumfo a wama madi me kra mu awerɛhow,

3 mmere dodow a nkwa me mu,

na Onyankopɔn home me mu yi,

4 mʼano renka amumɔyɛsɛm,

na me tɛkrɛma rentwa nkontompo.

5 Merennye nto mu da nea woka no nokware;

merenka me mudi nhyɛ, kosi mewu.

6 Mekura me trenee mu, merennyaa mu;

mete ase yi, me tiboa remmu me .

7 "Ma mʼatamfo nyɛ amumɔyɛfo,

na wɔn a wokyi me nyɛ atorofo.

8 Anidaso bɛn na wɔn a wonni nyamesu no wɔn wu akyi,

bere a Onyankopɔn agye wɔn nkwa afi wɔn nsam no?

9 So Onyankopɔn tie wɔn sufrɛ

bere a amanehunu aba wɔn so no ana?

10 So wɔn ani begye Otumfo no mu?

Wobesu afrɛ Onyankopɔn bere biara ana?

11 "Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ;

meremfa Otumfo no akwan nhintaw.

12 Mo ankasa moahu eyinom nyinaa.

Afei nsɛnhunu yi ase ne dɛn?

13 "Eyi ne nea Onyankopɔn ahyɛ ato ama omumɔyɛfo,

agyapade a otirimɔdenfo nya fi Otumfo no nkyɛn:

14 ɔwɔ mma dodow dɛn ara, wɔn nkrabea ne afoa;

na nʼasefo rennidi mmee da.

15 Ɔyaredɔm besie wɔn a wɔbɛka nʼakyi,

na wɔn akunafo rensu wɔn.

16 Ɛwɔ mu ɔhɔre dwetɛ te mfutuma

na ɔboa ntama ano dɔte,

17 nea ɔpɛ gu no, atreneefo na wobefura

na pɛpɛyɛfo no nso akyekyɛ dwetɛ no.

18 Ofi a osi no te ananse abubummaba,

ɛte pata bi a ɔwɛmfo abɔ.

19 Ɔda te ɔdefo, nanso ɔrenna saa bio;

ɔbɛtew nʼani no na ne nyinaa atu ayera.

20 Ahunahuna ba ne so nsuyiri;

ahum hwim no anadwo.

21 Apuei mframa soa no , na onni bio;

ɛtwe no fi ne tenabea.

22 Ɛbɔ no a ahummɔbɔ nni mu

bere a ɔreguan afi ne tumi ase.

23 Ɔde fɛw ne nsam

na ɔpam no fi ne tenabea."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também