Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 3

Hiob Kasa

1 Akyiri no Hiob kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no. 2 Ɔkae se,

3 "Ma da a wɔwoo me no nyera,

ne anadwo a wɔkae se, Wɔawo ɔbabarima no!

4 Saa da no nnuru sum;

mma Ɔsoro Nyankopɔn nhwehwɛ akyi kwan;

mma hann biara ntɔ ngu so.

5 Ma sum ne owusum nnye no mfa;

ma omununkum nkata so;

na sum mmunkam ne hann so.

6 Ma sum kabii nnye saa anadwo no mfa;

ma wonyi saa anadwo no mfi asranna so

na wɔmmfa nhyɛ ɔsram biara mu.

7 Saa anadwo no nyɛ obonin;

mma wɔnnte anigye nteɛmu mu.

8 Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa da no;

wɔn a wɔayɛ krado wɔbɛkanyan dɛnkyɛmmirampɔn no.

9 Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum;

na ɔntwɛn adekyee kwa

a onhu anɔpawia nsensanee a edi kan no,

10 efisɛ anto nea ɔwoo me no awotwaa mu ama wawo me

na anka mʼani renhu saa abɛbrɛsɛ yi.

11 "Adɛn nti na manwu awoe ,

bere a mifi me na awotwaa mu no?

12 Adɛn nti na nkotodwe gyee me

ne nufu minnum?

13 Anka sesɛɛ meda asomdwoe mu;

anka mada regye mʼahome

14 me ne wiase ahemfo ne fotufo,

wɔn a wosisii adan maa wɔn ho na nnɛ yi abubu no,

15 me ne ahenemma a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ,

wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afi mu ma.

16 Anaasɛ adɛn nti na wɔansie me ɔpɔnba,

te akokoaa a wanhu adekyee hann da?

17 Ɛhɔ na amumɔyɛfo gyae basabasayɛ,

na abrɛfo nya ahomegye.

18 Nneduafo nso nya wɔn ahofadi;

na wɔnte nnommumfo wuranom ateɛteɛ bio.

19 Nketewa ne akɛse ,

na akoa de ne ho fi ne wura nsam.

20 "Adɛn nti na wɔma mmɔborɔfo hann,

na ɔkra mu ahohiahiafo nya nkwa,

21 wɔn a wɔn kɔn owu nanso ɛmma,

wɔn a wɔbrɛ hwehwɛ owu sen sɛnea wɔhwehwɛ nnwetɛbona,

22 wɔn a anigye ahyɛ wɔn ma

na wodu ɔda mu a wodi ahurusi.

23 Adɛn nti na wɔde nkwa ma onipa a

ne kwan ahintaw,

nea Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?

24 Ahomekokogu adan mʼaduan;

na mʼapinisi gu te nsu.

25 Nea na misuro no aba me so;

nea na ɛbɔ me hu no ato me.

26 Minni ahotɔ, minni asomdwoe;

minni ahomegye na mmom, ɔhaw nko ara."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também