Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 30

1 "Nanso mprempren wɔserew me,

nnipa a manyin sen wɔn,

na wɔn agyanom mfata

wɔne me nguan ho akraman tena.

2 Mfaso bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden ma me,

bere a wɔn ahoɔden afi wɔn mu?

3 Ohia ne ɔkɔm ama wɔn ho atetew,

wɔnantew asase kesee

ne asase bonin so anadwo.

4 Wɔboaboaa nkyenhaban ano nkyɛkyerɛ mu,

na wɔde sare so nnua ntin yɛɛ wɔn aduan.

5 Wɔn mfɛfo pam wɔn fii wɔn mu,

na wohuroo wɔn akorɔmfo.

6 Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa suka a emu awo,

abotan ne fam ntokuru mu,

7 wosuu mfurum wuram

na wɔfofɔree so ɔdɔtɔ ase.

8 Kuw a wɔmfra na wonni din,

wɔpam wɔn fii asase no so.

9 "Na nnɛ yi wɔn mmabarima de dwom me akutia;

mayɛ abusude wɔn mu.

10 Wokyi me na wontwiw mmɛn me;

wɔmmfɛre wɔtete ntasu gu mʼanim.

11 Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi,

wɔyɛ nea wɔpɛ mʼanim.

12 Abusuakuw no tow hyɛ me so me nifa so;

wosum mʼanan mfiri,

na wosisi mpie tia me.

13 Wosisiw mʼakwan;

na wonya me sɛe me

na obiara mmoa me.

14 Wɔba te nea wofi ntokuru a ano abae mu;

wɔnam mmubui no mu munumunum ba.

15 Ahunahuna ma me ho dwiriw me;

mʼanuonyam atu sɛnea mframa abɔ agu,

me bammɔ atu ayera omununkum.

16 "Na mprempren, me nkwa resa;

na amanehununna akyekyere me.

17 Anadwo wowɔ me nnompe mu;

ɔyaw a ɛwe me no nnyae.

18 Onyankopɔn fi ne tumi mu adurade ma me;

omia me te mʼatade kɔn.

19 Ɔtow me kyene dontori mu

na ɔma me mfutuma ne nsõ.

20 "Onyankopɔn, misu mefrɛ wo, nanso wummua me.

Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.

21 Woba me so anibere so;

wode wʼabasa mu tumi tow hyɛ me so.

22 Wuhwim me na wode mframa pia me;

wudenkyidenkyi me ahum mu.

23 Minim wode me bɛkɔ owu mu,

faako a woahyɛ ama ateasefo nyinaa no.

24 "Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ

bere a ɔresu mmoa nʼamanehunu mu.

25 Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu ana?

Me kra werɛ anhow amma ahiafo ana?

26 Nanso bere a mʼani da papa so no, bɔne bae;

bere a mepɛɛ hann no sum na edurui.

27 Me yafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da;

na nna a amanehunu mu da mʼanim.

28 Menenam a mabiri, nanso ɛnyɛ owia na ahyew me;

migyina aguabɔbea na misu mmoa.

29 Madan nnompo nuabarima,

me ne mpatu na ɛbɔ.

30 Me honam ani biri na ehuanhuan;

atiridii ama me ho adɔ.

31 Me sanku kwadwom,

na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyigyei.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também