Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 33

1 "Na afei, Hiob, tie me nsɛm;

aso ma biribiara a mɛka.

2 Merebebue mʼano;

me nsɛm aba me tɛkrɛma so.

3 Me nsɛm fi koma a ɛteɛ mu;

na mʼano de ahonim pa ka nea minim.

4 Onyankopɔn Honhom na abɔ me;

Otumfo no home ma me nkwa.

5 wubetumi a, ma me mmuae;

siesie wo ho, na ka si mʼanim.

6 Wo ne me nyinaa Onyankopɔn anim;

me nso wɔbɔɔ me fii dɔte mu.

7 Ɛnsɛ wusuro me,

na ɛnsɛ me nsa den wo so.

8 "Nanso woaka ama mate,

mete saa nsɛm no, na wokae se,

9 Meyɛ kronkron na minni bɔne;

me ho tew na afɔdi biara nni me ho.

10 Nanso Onyankopɔn anya me ho mfomso

wafa me ne tamfo.

11 Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu;

na nʼani mʼakwan nyinaa so.

12 "Nanso meka mekyerɛ wo se, eyi mu de woayɛ mfomso,

efisɛ Onyankopɔn so sen ɔdesani.

13 Na adɛn nti na wunwiinwii hyɛ no

ommua onipa nsɛm biara ana?

14 Nanso Onyankopɔn kasa akwan ahorow so,

na ebia nnipa nte.

15 Ɔkasa daeso ne anadwo anisoadehu mu,

bere a nna afa nnipa

na wɔada hatee wɔn mpa so no,

16 otumi kasa gu wɔn asom

na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu,

17 ɔbɛdan onipa afi nneyɛe bɔne ho

na watwe no afi ahantan ho,

18 ɔmma ne kra nkɔ amoa mu

na ɔnhwere ne nkwa afoa ano.

19 Anaasɛ wotumi de mpa so yaw twe onipa aso

nnompe mu yaw a ennyae da,

20 kosi ne kɔn nnɔ aduan

na ne kra nso po aduan a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara;

21 ɔfɔn basaa,

na ne nnompe a anka ɛho akata no, ho da .

22 Ne kra bɛn ɔda,

na ne nkwa bɛn owu abɔfo.

23 "Nanso ɔbɔfo bi nʼafa

odimafo a, ɛyɛ apem mu baako,

na ɔbɛkyerɛ no nea eye ma no,

24 obehu no mmɔbɔ na waka se,

Munnyaa no na wankɔ ɔda mu;

na manya mpatade ama no,

25 afei ne were foforo abofra;

na esi ne dedaw mu mmerantebere mu de.

26 Ɔbɔ Onyankopɔn mpae na onya adom fi ne ,

ohu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛw teɛ mu;

na Onyankopɔn gye no bio ɔtreneeni.

27 Afei ɔba nnipa mu bɛka se,

Meyɛɛ bɔne na mekyeaa nea ɛteɛ,

nanso mannya nea ɛfata me.

28 Ogyee me kra na wamma no ankɔ ɔda mu,

enti mɛtena ase na madi hann no mu .

29 "Onyankopɔn eyinom nyinaa ma onipa,

mprenu ne ne mprɛnsa so,

30 sɛnea ne kra renkɔ ɔda mu,

na nkwa hann no ahyerɛn ne so.

31 "aso, Hiob, na tie me;

dinn na menkasa.

32 Na wowɔ biribi ka a, bua me;

kasa, na mepɛ wobu wo bem.

33 ɛnte saa nso a, ɛno de tie me.

dinn na mɛkyerɛ wo nyansa."

Veja também