Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 41

1 "So wubetumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn

anaa wubetumi de hama akyekyere ne tɛkrɛma?

2 So wubetumi de hama afa ne hwenem,

anaasɛ wubetumi de darewa aso nʼabogye mu?

3 Ɔbɛkɔ so asrɛ wo hu no mmɔbɔ ana?

Ɔne wo bɛkasa brɛoo ana?

4 Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam

ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ ana?

5 Wubetumi de no ayɛ abɛbɛ te anomaa

anaa wubetumi asa no hama de no ama wo mmabea?

6 So aguadifo bɛpɛ wode no bedi nsesagua?

Wɔbɛkyekyɛ ne mu ama aguadifo ana?

7 Wubetumi de mpeaw awowɔ ne were mu

anaasɛ wode mpataa mpɛmɛ bɛwowɔ ne ti ho?

8 Wode wo nsa ka no a,

wobɛkae sɛnea ɔbɛwosow ne ho, nti worenyɛ saa bio!

9 Ɔkwan biara nni a wobɛfa so akyere no;

ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwudwo.

10 Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyan no.

Afei hena na obetumi ne me adi asi?

11 Hena na mede no ka a ɛsɛ mitua?

Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase no me de.

12 "Me werɛ remfi mɛka nʼakwaa,

nʼahoɔden ne ne bɔbea fɛfɛ no ho asɛm.

13 Hena na obetumi aworɔw ne ho ahama,

na hena na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?

14 Hena na obetumi abue nʼabogye,

a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no?

15 Nʼakyi bona a ɛsesa so,

ɛtetare so a ɔkwan nna mu koraa;

16 sɛnea ɛtetare so fa no nti,

mframa biara mfa ntam.

17 Ɛtoatoa mu denneennen a

emu ntumi ntetew.

18 ɔnwansi a, ɛpepa gya;

nʼaniwa aba te adekyeenim hann.

19 Agyatɛn turuw fi nʼanom

na nsramma turuturuw fi mu.

20 Wusiw sen fi ne hwene mu

te ɔsɛn a esi gya so.

21 Ne home ma gyabiriw ano ,

na ogyaframa tu fi nʼanom.

22 Ne kɔn mu ahoɔden ankasa;

wɔn a wohu no no aba mu bu.

23 Ne were a abubu agu so no peperee;

ayɛ pemee a ɛnka ne ho.

24 Ne koko so den ɔbotan

ɛyɛ den awiyammo.

25 ɔsɔre a, ahoɔdenfo huboa;

ɔwosow ne ho a woguan.

26 Afoa no a, ɛnka no,

peaw, pɛmɛ ne agyan nso saa ara.

27 Ɔfa dade wura bi

na kɔbere mfrafrae te dua a awu bi ma no.

28 Agyan mma no nguan;

ahwimmo mu aboa ntɛtɛ ma no.

29 Kontibaa te sare nʼani so;

na ɔserew pɛmɛ nnyigyei.

30 Abon a ano nnam tuatua ne yafunu so.

Ɔtwe ne ho ase fam fa dontori mu a, eyiyi akam.

31 Ɔma bun mu huru nsu a ɛwɔ ɛsɛn mu

na onunu po mu srade a ɛwɔ kuku mu.

32 Nea ɔbɛfa no, ɛhɔ nsu no pa yerɛw yerɛw;

na obi besusuw po bun adan ayɛ dwen.

33 Asase so biribiara ne no nsɛ.

Ɔyɛ abɔde a onsuro hwee.

34 Ommu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara;

ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomaso no nyinaa so hene."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também