Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 8

Bildad Asɛnka A Edi Kan

1 Na Suhini Bildad buae se:

2 "Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akosi da bɛn?

Wo nsɛm mframa huhuw.

3 Onyankopɔn kyea atɛntrenee ana?

Otumfo kyea nea ɛteɛ ana?

4 Bere a wo mma yɛɛ bɔne tiaa no no,

ogyaw wɔn maa wɔn bɔne so akatua.

5 Nanso wode wʼani bɛto Onyankopɔn so

na woabɔ Otumfo no mpae,

6 woyɛ kronkron, na woteɛ a,

wo nti, ɔbɛma ne ho so mprempren

na wama wo asi wo dedaw mu.

7 Wo mfiase bɛyɛ nkakrankakra

na daakye woanya ama abu so.

8 "Bisa awo ntoatoaso a atwa mu no,

na hwehwɛ nea wɔn agyanom hui,

9 na wɔwoo yɛn nkyɛe na yennim hwee,

yɛn nna asase yi so te sunsuma.

10 Wɔrenkyerɛkyerɛ wo na wɔrenka nkyerɛ wo ana?

Wɔremfi wɔn ntease mu nka nsɛm bi ana?

11 So paparɔso betumi anyin akɔ soro baabi a ɛnyɛ ɔwora?

Demmire betumi afifi baabi a nsu nni ana?

12 Bere a ɛrenyin a wontwae no,

ɛhyew ntɛm so sen sare.

13 Saa na wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn no awiei te;

saa ara na wɔn a wonni nyamesu no anidaso nkosi hwee.

14 Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden;

nea ɔde ne ho to so no ananse ntontan.

15 Otweri ne ntontan, nanso ɛtetew;

oso mu dennen, nanso ɛnyɛ yie.

16 Ɔte afifide a wogugu so nsu yiye a esi owia mu,

ɛtrɛtrɛw ne mman mu turo no so;

17 Ne ntin nyin fa abotan ho,

na ɛhwehwɛ ɔkwan abo mu.

18 Nanso wotu fi ne sibea a,

saa beae no nnim no bio na ɛka se, Minhuu wo da.

19 Ampa ara ne nkwa twa mu,

na afifide foforo nyin asase no so.

20 "Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm

na ɔnhyɛ amumɔyɛfo nsa mu den.

21 Ɔbɛma woaserew bio,

na wode ahosɛpɛw ateɛteɛ mu.

22 Wɔde aniwu befura wɔn a wɔtan wo,

na amumɔyɛfo ntamadan bɛsɛe."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também