Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 9

Hiob Bua Bildad

1 Na Hiob kasaa bio se:

2 "Yiw, minim eyi nokware.

Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim?

3 obi ɔne Onyankopɔn yiyi ano a,

ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.

4 Ne nyansa mu , na ne tumi so.

Hena na ɔne no adi asi na ne ho baabiara anti?

5 Otutu mmepɔw a wonnim ho hwee

obubu wɔn fa so nʼabufuw mu.

6 Ɔwosow asase fi ne sibea,

na ɔma ne nnyinaso wosow biribiri.

7 Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn,

na ɔsɔw nsoromma hyerɛn ano.

8 Ɔno nko ara na ɔtrɛw ɔsoro mu,

na ɔnantew po asorɔkye so.

9 Ɔno ne Nyankrɛnte, Akokɔbeatan ne ne mma Yɛfo;

anafo fam nsorommakuw no.

10 Ɔyɛ anwonwade a wontumi nte ase,

nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan.

11 ɔnam me ho a, minhu no;

ɔsen a, minhu no.

12 ohwim a, hena na osiw no kwan?

Hena na obetumi abisa no se, Dɛn na woreyɛ yi?

13 Onyankopɔn nkora nʼabufuw so;

Rahab aboafo mpo ho popo nʼanim.

14 "Na me ne hena a mene no beyiyi ano?

Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de begye akyinnye?

15 minnim ho hwee mpo a, merentumi nyi nʼano;

ɛno ara ne mɛsrɛ ahummɔbɔ afi me temmufo nkyɛn.

16 Mpo, mefrɛ no na ɔba a,

minnye nni obetie mʼasɛm.

17 Ɔde asorɔkye bɛhwe me

ama mʼapirakuru adɔɔso kwa.

18 Ɔremma minnya mʼahome, bio,

ɔde awerɛhow bɛhyɛ me ma .

19 ɛyɛ ahoɔden asɛm a, ɔyɛ ɔhoɔdenfo!

Na ɛba atɛntrenee nso a, hena na ɔne no bedi asi?

20 midi bem mpo a, mʼano bebu me kumfɔ;

me ho nni asɛm a, ebebu me .

21 "Ɛwɔ mu midi bem de,

nanso mimmu me ho;

abrabɔ afono me.

22 Ne nyinaa ; ɛno nti na meka se,

Ɔsɛe nea ne ho nni asɛm ne omumɔyɛfo.

23 Bere a amanehunu de owu aba no,

ɔserew nea ne ho nni asɛm no abawpa.

24 Bere a asase akɔ amumɔyɛfo nsam no,

ofura ɛso atemmufo ani.

ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena?

25 "Me nna ho hare sen ommirikatufo;

ɛsen a anigye kakra mpo nni mu.

26 Etwa mu akorow a wɔde paparɔso ayɛ

te akɔre a wɔretow akyere wɔn hanam.

27 meka se, Me werɛ mfi mʼanwiinwii,

mɛsakra me nsɛnka, na maserew a,

28 me yaw ahorow no me hu ara.

Na minim , woremmu me bem.

29 Woabu me dedaw nti,

adɛn na ɛsɛ mehaw me ho kwa?

30 Mpo ɛba mede samina guare

na mede samina hohoro me nsa ho a,

31 wobɛtow me akyene dontori amoa mu,

ama mʼatade mpo akyi me.

32 "Ɔnyɛ onipa te me na mayi nʼano,

na yɛakogyina asennii abobɔ yɛn nkuro.

33 anka obi a obesiesie yɛn ntam

na waka yɛn baanu abɔ mu,

34 obi a obeyi Onyankopɔn abaa afi me so,

na nʼahunahuna ammɔ me hu bio.

35 Anka mɛkasa a merensuro no,

nanso saa tebea a mewɔ mu yi de, mintumi.

Veja também