Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 19

Hiob Bua Bildad

1 Na Hiob buae se,

2 "Mobɛhyɛ me ɔyaw

na mode nsɛm abubu me akosi da bɛn?

3 Mpɛn du ni a moasopa me;

mo ani nwu motow hyɛ me so.

4 ɛyɛ nokware mafom ɔkwan a,

me mfomso me nko ara asɛm.

5 ampa mobɛma mo ho so asen me

na mode mʼanimguase ayɛ adanse atia me a,

6 ɛno de munhu Onyankopɔn ayɛ me bɔne

na ɔde ne tan atwa me ho ahyia.

7 "Ɛwɔ mu, misu se, Wɔafom mede, nanso obiara mmua me;

meteɛ mu mmoa, nanso atɛntrenee biara nni .

8 Wasiw me kwan enti mintumi nsen;

ɔde sum aduru mʼakwan so.

9 Wayi mʼanuonyam afi me so

na watu mʼahenkyɛw afi me ti so.

10 Wasɛe me akwannuasa nyinaa so de awie me;

watu mʼanidaso ase te dua.

11 Nʼabufuw huru tia me;

na wakan me afra nʼatamfo mu.

12 Nʼakofo ba anibere so;

wosisi mpie de tia me

na wotwa me ntamadan ho hyia.

13 "Wayi me nuabarimanom afi me ho;

na mʼamanifo atwe wɔn ho koraa.

14 Mʼabusuafo ;

na me nnamfonom werɛ afi me.

15 Mʼahɔho ne me mmaawa bu me ɔhɔho;

mete ɔnanani ma wɔn.

16 Mefrɛ me somfo, na ommua;

mpo, metew mʼano srɛ no.

17 Me home bɔn me yere;

me ho afono mʼankasa nuabarimanom.

18 Mpo, mmarimaa nkumaa bu me animtiaa;

mipue a wodi me ho fɛw.

19 Me nnamfo ankasa nyinaa kyi me;

mʼadɔfo asɔre atia me.

20 Maka were ne nnompe,

nea mede aguan nkutoo ne me se akyi nam.

21 "Munhu me mmɔbɔ, me nnamfonom, munhu mmɔbɔ,

na Onyankopɔn nsa abɔ me.

22 Adɛn nti na motaa me sɛnea Onyankopɔn no?

Na mommfa me honam yi saa ara?

23 "Ao, anka wɔde me nsɛm bɛhyɛ nhoma mu,

anka wɔbɛkyerɛw nhoma mmobɔwee so,

24 anka wɔde dade pɛe bɛkyerɛw sumpii so,

anaa wobekuruakyerɛw ɔbotan so afebɔɔ!

25 Minim me dimafo te ase,

na awiei no ɔbɛsɔre agyina asase so.

26 Na wɔasɛe me were awie no,

mefi me were mu ahu Onyankopɔn.

27 Me ara mehu no

mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforo ani, behu no.

Sɛnea me koma ho pere me mu!

28 "moka se, Yɛbɛteetee no,

efisɛ ɔhaw no fi ɔno ara a,

29 ɛsɛ mo ankasa musuro afoa no

na abufuw nam afoa so de asotwe bɛba,

na mubehu atemmu ."

Veja também