Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 38

4 "Bere a metoo asase fapem no, na wowɔ he?

wote ase, ka ɛ.

5 Hena na osusuw ne tenten ne ne trɛw? Ampa ara wunim!

Hena na ɔtwee susuhama faa ani?

6 Dɛn so na egyina,

anaa hena na ɔtoo ne tweatibo no,

7 bere a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom,

na abɔfo nyinaa de anigye teɛɛ mu no?

8 "Hena na ɔkaa po hyɛɛ apon akyi,

bere a epue fii ɔyafunu mu,

9 bere a mede omununkum yɛɛ nʼadurade

na mede sum kabii kyekyeree no,

10 bere a metoo ɔhye maa no

na misisii nʼapon ne nʼadaban,

11 bere a mekae se, Ɛha ara na wubedu na worentra ha;

ɛha na wʼahantan asorɔkye no bɛso no?

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também