Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 6

Hiob Bua Elifas

1 Na Hiob buae se,

2 "wobetumi akari mʼawerɛhowdi

na me haw nso wɔde agu nsania so a,

3 anka emu bɛyɛ duru asen nwea a ɛwɔ po mu nyinaa,

enti ɛnyɛ nwonwa me nsɛm ayɛ hagyahagya.

4 Otumfo agyan no me mu,

me honhom nom ano bɔre no;

wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.

5 Wuram afurum su bere a wanya sare ana,

na nantwi nso su bere a wanya nʼaduan ana?

6 So wodi aduan a nkyene nni mu?

Na ɔdɛ bi nkesua mu fufu mu ana?

7 Mempɛ mede me nsa ka;

aduan a ɛte saa no me yare.

8 "Ao me nsa bɛka mʼabisade,

Onyankopɔn bɛyɛ nea mʼani da so no ama me,

9 Onyankopɔn bɛpɛ ɔdwerɛw me

ɔbɛtwe ne nsa na wakum me,

10 ɛne anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekye yi,

a ɛyɛ anigye a mewɔ ɔyaw a entwa da yi mu,

ne Ɔkronkronni no nsɛm a mimmuu so yi.

11 "Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ minya anidaso?

Daakye nneɛma pa bɛn nti na ɛsɛ minya ntoboase?

12 Mewɔ ahoɔden ɔbo ana?

Me honam kɔbere mfrafrae ana?

13 So mewɔ tumi bi a mede bɛboa me ho

saa bere yi a nkonimdi apare me yi ana?

14 "Obiara a ɔbɔ nʼadamfo ayamye sɛn no

gyaw Otumfo no ho suro.

15 Nanso ahotoso nni me nuanom mu nsuwansuwa a eyiri na ɛyow,

nsuwansuwa a eyiri

16 bere a sukyerɛmma renan

na mparuwbo nso redan nsu,

17 nanso owiabere mu no ɛsen bio

na ɔhyew nti nsu no tu yera.

18 Akwantufo man fi wɔn akwan so;

wɔforo nsase a awuwu so ma wowuwu.

19 Tema akwantufo hwehwɛ nsu,

Seba aguadifo akwantufo de anidaso hwehwɛ nsu.

20 Wɔn ho yeraw wɔn, efisɛ na wɔwɔ awerehyɛmu;

woduu , na wɔn anidaso ɔkwa.

21 Afei, wo nso woakyerɛ wo so nni mfaso;

wuhu biribi a ɛyɛ hu na wusuro.

22 So maka pɛn se, Me nti momma biribi,

mumfi mo ahode mu ntua me ti so sika,

23 munnye me mfi mʼatamfo nsam,

ne atirimɔdenfo nkyehama mu ana?

24 "Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm;

monkyerɛ me mfomso a mayɛ.

25 Nokwareka yaw,

na mo adwenkyerɛ no kosi dɛn?

26 So mokyerɛ mubesiesie nea meka no,

na moafa mʼahometew nsɛm mframa ana?

27 Mpo mobɛbɔ ayisaa so ntonto,

na mode mo adamfo adi nsesagua.

28 "Afei momfa ahummɔbɔ nhwɛ me.

Metumi adi atoro mo anim ana?

29 Montɔ mo bo ase, mummu ntɛnkyew;

monsan nnwen ho, efisɛ eyi fa me pɛpɛyɛ ho.

30 Amumɔyɛsɛm mʼano ana?

Minnim papa ne bɔne ntam nsonoe ana?

Veja também