Hiob Bua Bildad
1 Na Hiob kasaa bio se:
2 "Yiw, minim sɛ eyi yɛ nokware.
Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani bɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim?
3 Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi ano a,
ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.
4 Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so.
Hena na ɔne no adi asi na ne ho baabiara anti?